Hayford Francis Amoako

Hayford Francis Amoako yɛ Ghana amanyɔni a na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani de ma Nkoranza abatoɔ mpɛsoaso wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo Region of Ghana) Na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani a na ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Hayford Francis Amoako
Member of Parliament for Nkoranza Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere7th July 1957
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Sukuu

AmoakoGhana Mmarahyɛbadwani a na ɔfiri National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no mu. Na ɔgyina hɔ ma Nkoranza abatoɔ mpɛsoa no so sɛ Mmarahyɛbadwani. Wɔn woo no wɔ ɛyɛ Bosome Kitawonsa no ne da a ɛtoso nson wɔ afe apem ahankron ne aduo-num nson no mu. Ɔnyaa sukuu abɔdin krataa B.SC/LLB (Hons). Ɔfiri Nkoranza kuro no mu.

Amanyɔsɛm

Amoako yɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no ba. Wɔn too aba yii no sɛ Mmarahyɛbadwani de maa Nkoranza abatoɔ mpɛsoaso (Nkoranza constituency) wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu (Brong Ahafo region) wɔ Ghana mmarahyɛbadwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu. (3rd parliament of the 4th republic of Ghana) . Kwame Ampofo Twumasi na ɛdii n'adeɛ wɔ mmerɛ a wɔn sesaa abatoɔ mpɛsoa no so bɛyɛɛ no Nkoranza Anaafoɔ afam abatoɔ mpɛsoaso (Nkoranza South constituency) wɔ mfie mpem mmienu ne nan Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu (2004 Ghanaian General elections). Wɔn yii no sɛ ɔmmɛyɛ atwerɛtwerɛfoɔ sahene (Interim General Secretary) mfa ma National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no. Wɔn yii no sɛ saa mmerɛ no ɔmmɛyɛ atwerɛtwerɛfoɔ sahene anaa panin mfa ma ɛyɛ National Democratic Congress NDC amanyɔkuo no wɔ mfie mpem mmienu ne aduonu-mmienu (2012) wɔ mmerɛ a na Joseph Mamboah-Rockson de ne diberɛ ato hɔ sɛ ɛkuo no twerɛtwerɛfoɔ panin anaa sahene ,na ɛfiri hɔ deekorɔ no na ɔbɛyɛɛ amanyɔkuo no atwerɛtwerɛfoɔ sahene anaa panin a na ɔda amanyɔkuo no ano.

2000 Mfie Mpem Mmienu Abatoɔ

Amoako wɔ too aba maa no sɛ Mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Nkoranza abatoɔ mpɛsoaso (Nkoranza Constituency) wɔ mfie mpem mmienu Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ a yɛ tooeɛ no mu. (2000 Ghanaian general elections). Wɔn too aba maa no sɛ MmarahyɛbadwaniNational Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no tumi krataa so. Na ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwafie nkonwa nson (7) a National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no nyaa de firii mmarahyɛbadwam nkonwa aduonu-baako (21) no mu wɔ Bono ne Ahafo mantam no mu ( Brong Ahafo Region). Ɛyɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no na ɛnyaa Mmarahyɛbadwafie nkonwa no mu ketewa a dodoɔ a wɔn nyaaeɛ no ne aduokron-mmienu (92) de firii mmarahyɛbadwafie nkonwa aha-mmienu (200) no mu wɔ mmarahyɛbedwakuo a ɛtoso mmiensa wɔ Adehyeman Ghana amammuo a ɛtoso nan no mu.Wɔn de mma a wɔn tooeɛ no mu mpem aduonu, aha-nwɔtwe ne aduonu-nwɔtwe (20,828) na ɛyii no ,na ɔnyaa saa mma dodoɔ yi de firii mma mpem aduanan-mmiensa, ɛne aduokron-nwɔtwe (43,098) wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu. Waei ne ɔha mu susupɛn bɛyɛ ɔha nkyekyemu adunan-nsia ne akyiripɔ mmienu (46.2%) na ɛyɛ pɛ wɔ mma a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no mu. Wɔn too aba maa no sɛ nkunimdifoɔ wɔ wɔn a ɛdidisoɔ yi so Kwame Amporfo Twumasi a na ɔfiri New Patriotic Party(NPP) amanyɔkuo no mu, Justice Owoahene Acheampong a na ɔno nso firi ɛyɛ People's National Convention(PNC) amanyɔkuo no mu, Kwaku Poku-Boah a na ɔfiri Convention People's Party(CPP) amanyɔkuo no mu, James Opoku-Worae a na ɔbɔ nso firi National Reform Party (NRP) amanyɔkuo no mu, Owusu Benjamin a na ɔno nso firi United Ghana Movement(UGM) amanyɔkuo no mu ɛne Thomas Owusu-Ansah a na ɔno nso firi ɛyɛ Every Ghanaian Everywhere(EGE) amanyɔkuo no mu. Neɛ ɛdidisoɔ yi ne mma a wɔn nyinaa nyaaeɛ wɔ ne nnidisoɔ mu, mpem adu-nkron, aha-mmiensa ne aduo-wɔtwe nan (19,384), aha-nson ne aduasa-num (735), aha-num ne aduasa-mmiensa (533), aha-mmiensa ne aduo-wɔtwe mmiensa (383) ɛne ɔha ne du-baako (111). Waei ne mma a ɔnyaeɛ de firii mma a wɔn tooeɛ no mu a wɔn gye too mu sɛ ɛyɛ no nyinaa mu. Waei nso ne ɔha mu susupɛn a edidisoɔ yi na ɛyɛ pɛ, ɔha nkyekyemu aduanan-nsia ne akyiripɔ mmienu (46.2%), ɔha nkyekyemu baako ne nwɔtwe (1.8%), ɔha nkyekyemu baako ne akyiripɔ mmiensa (1.3%), ɔha nkyekyemu hwee ne akyiripɔ nkron (0.9%), ɔha nkyekyemu hwee ne akyiripɔ mmiensa (0.3%) ɛne ɔha nkyekyemu hwee (0%) wɔ mma a wɔn gye too mu no nyinaa mu.

Ankorankoreɛ Abrabɔ

Amoako yɛ okristoni.

Bea me nyaa mmoa firiieɛ

Tags:

Hayford Francis Amoako Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne SukuuHayford Francis Amoako AmanyɔsɛmHayford Francis Amoako 2000 Mfie Mpem Mmienu AbatoɔHayford Francis Amoako Ankorankoreɛ AbrabɔHayford Francis Amoako Bea me nyaa mmoa firiieɛHayford Francis AmoakoGhanaMmarahyɛbadwani

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Fort PrinzensteinPolandAl GoreNew DelhiNawidemakSaint PetersburgAlençonTodzie AsubɔntenMesikoUniversity of OxfordTorinoRomaAustraliaAmpeCataniaFinlandAsɔre danAkanda National ParkPittsburghDüsseldorfMateoBobesaTswanaBɔsrɛmkaAhofadi (Liberty) Nkaedum (Seychelles)MmarahyɛbadwafieSteve Senu AkorliAmanyɔkuoAgenAmanirenasEhyiaMbeya AsubɔntenTheresa KufuorPongara Ɔman Mmoa YɛmmeaTu FuCorbin BleuƆhotefo George Asɔredan, LalibelaAlesandriaAbakɔsɛm1844 Apam noHaruna IddrisuMmoaBangaloreUfaBuenɔs AiresAsaasepɔnGroznyKayseriLoango Ɔman Mmoa YɛmmeaBukarestTurkeySekhmakhKasablankaBristolSpanishSainte Anne Po so Ɔman Mmoa YɛmmeaFortalezaZaragozaLimogesSaint-Mars-sur-la-FutaieGifti Afenyi-DaasiSan FranciscoNsawam🡆 More