Grace Coleman

Grace Coleman Oforisuo bosom da a ɛtɔ so aduonu nkron, afe apem ahankron ne aduanan mmiɛnsa kɔsi Ɔsanaa bosom da ɛtɔ so mpen mmienu ne nkron (29 April 1943- 27 August 2009) no na ɔyɛ Ghanani amanyɔnni ne mmarahyɛbadwanni wɔ Effiduase Asokore mpasua a na ogyina hɔ ma mmarahyɛbadwam a na ɛtɔ so nan wɔ adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Grace Coleman
Member of the Ghana Parliament for Effiduase Asokore
Bere
7 January 1997 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufour
OdikanfoSamuel Adjei Asirifi
AnanmusiniFrank Boakye Agyen
Ne ho asɛm
Awo bereOforisuo 29, 1943
Effiduase , Ashanti Region Gold Coast, Ghana
Owu bere27 Ɔsanaa, 2009
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MmaFour
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaBanker

Abrabɔ mfitiaseɛ ne nnwomasua

Wɔwoo Coleman wɔ Effiduase a ɛwɔ Asante MantamGhana. Ɔkɔɔ "Wesley Girls High School" firii afe apem ahankron ne aduosia mmienu (1962), ɔnyaa ne abodin krataa a ɛwɔ anim na ɔsan toa n'adesua so kɔɔ Cape Coast asuapɔn (Legon) a ɔkɔsua sikasem ma no nyaa ho abodin. Coleman nyaa ne abodin krataa a ɛso wɔ "Vanderbilt University" a ɛwɔ amanone wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron (1979), na ɔsan so nyaa adinkanfo ne mpotuo abodin wɔ "Harvard asuapɔn wɔ afe apem ahankron ne aduokron nwɔtwe (1998).

N'adwuma

Afiri afe apem ahankron ne aduosia nnwɔtwe de kɔsi afe apem ahankron ne aduoson nan (1968 - 1974), Coleman kɔyɛɛ adwuma wɔ Ghana sikakorabea (GCB), Ejisu nkorabata bi a ɛwɔ Kumasi, babia onyiniiɛ a ɔbɛyɛ nkorabata no so panin, na afiri afe apem ahankron ne aduoson num ne afe ahankron ne aduowɔtwe (1975 &1980) no, na ɔyɛ panin wɔ asoeɛ a wɔhwe sikasem so sikasɛm ntotoeɛ ho.

Na ɔyɛ Ghana ɔsoafo de ma Netherlands firi afe apem ahankron ne aduowɔtwe kɔsi afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmienu (1980 - 1982), ɛwɔ Limann aberɛ so. Ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛnii, firii afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmiɛnsa kɔsi afe apem ahankron ne aduokron baako (1983 - 1991) na ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛnii panin wɔ sukuu a wɔsua nsonsoneɛ a ɛwɔ amammerɛ mu wɔ Holland.

Na Coleman yɛ sikasɛm soafoɔ abadiekyiri ne ne sikasɛm ntotoeɛ wɔ Kufuor aban a na adikan no.

Amanyɔsem

Abatoɔ a adikan a Coleman de kɔɔ mmarahyɛbadwam yɛ Ɔpɛnimma bosom wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghanaman nyinaa abatoɔ a na ogyina mu ma ɔsono amanyɔkuo (NPP) no ɛwɔ Effiduase Asokore mpasua so a ɛwɔ Asante mantamGhana. Ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa, ɔha ne aduonum nan (13,154) firii mma mpem dunkron ne aduoson nson (19,077) no mu a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum nan akyiri pɔ aduokron (54.90%). Ɔsan nso nyaa n'akonwa no bio wɔ mfe mpem mmienu (2000) abatoɔ no. Wɔ mfe mpem mmienu (2000) mu no, Coleman san dii nkonim abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛbadwanni de ma Effiduase Asokore mpɛsua a ɛwɔ Asante mantam mu. Odii nkonim de ma ɔsono amanyɔkuo (NPP) no. Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no mmarahyɛbadwafoɔ aduasa mmiɛnsa (33) a wɔdii nkonim wɔ Asante mantam abatoɔ no a na wɔ wɔ mmarahyɛbadwam no, na ne mpasua no ka emu aduasa baako (31) no ho bi. Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no dii nkonim sɛ dɔmkeseɛ a na wɔwɔ Mmarahyɛbadwafoɔ aduokron nkron (99) a na Mmarahyɛbadwafoɔ dodoɔ nyinaa nso yɛ ahanu (200). Ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa, ahankron ne aduonum nan(13,954) firii mma dodoɔ mpem dunkron, ahanson ne aduokron nkron (19,799). Na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson baako akyiri pɔ mmienu (71.2%).Wɔtoo me so aba de tia Kwasi Amakye-Boateng a na ɔyɛ anamsini de ma kyinie amanyɔkuo (NDc) no, Osei Kwabena a na ɔno nso yɛ Covention People's Party anamsini, Osei Addiya a na ɔyɛ anamsini de ma National Reformed Party, Lovia Yeboah nso yɛ anamsini ma People's National Convention ɛna Alfred O. Baah nso yɛ anamsini de ma United Ghana Movement. Mma dodoɔ a wɔnyaa no wɔ abatoɔ no mu yɛ 4,408, 729, 246, 235, ɛne 35. Na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu mmienu akyiri pɔ num (22.5%)ɔha nkyekyɛmu mmiɛnsa akyiri pɔ nson (3.7%), ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ mmiɛnsa (1.3%), ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ mmienu (1.2%), ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ mmienu (0.2%).

Ɔsan so dii nkonim wɔ mpem mmienu ne nan (2004) abatoɔ no mu a ɔnyaa mma mpem dummiɛnsa ne aduonum baako (13,051) firii mma a na dodoɔ na ɛyɛ mpem aduonu mmiɛnsa, ahanum ne aduonu nan (23,524) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum num akyiri pɔ aduonum (55.50%).

N'abrabɔ

Na Coleman ware David Coleman a ɔwɔ mmofra nan. Owuii wɔ Ɔsanaa bosom da ɛtɔ so aduonu nson mfe mpem mmienu ne nkron (27 August 2009) ɛnam ahomgyeɛ a na ɔngye na asikyire yareɛ nso a na ɔwɔ na ɛmaa no wuiiɛ.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Grace Coleman Abrabɔ mfitiaseɛ ne nnwomasuaGrace Coleman NadwumaGrace Coleman AmanyɔsemGrace Coleman NabrabɔGrace Coleman Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛGrace ColemanEffiduase-Asokore (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)GaanaOforisuoƆsanaa

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

AprawaKusebko Larere AfahyɛEmmanuel Obetsebi-LampteySão PauloOttawaChristian Kwabena AsanteEdinburghDominic Azimbe AzumahRegina, SaskatchewanMpaemuka a Ɛfa Hokwan a Abibifo Wɔ Ho (Declaration on the Rights of Indigenous)Jonathan Kwesi LampteyKyotoAlgorithmGyeografiWashington, D.C.Kobena Mensah WoyomePatience PomaryOsakaGod Bless Our Homeland GhanaTorinoOxfordDresdenWhatsAppJohnson Asiedu NketiahWukuadaBatakariNyinsɛn a wɔhyɛ da yiSanaaWiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )Elizabeth Akua OhenevietnamAmerado (ndwontoni)Alfred John OcanseyBotswanaRostov-na-DonuCroatiaFam tutu Beae a Ɛwɔ SabrathaLondonHambɔgSamira BawumiaAmidu SulemanaAnthony Christian DadzieAminiaƆdɔVaccineWillis TowerNnomaaOPHELIA S. LEWISMpenatweɛKɔtɔnimaaMinskOphelia CrosslandNnuaGhana AkannifoBangladeshAustraliaLady GaGaSebɔShock siteNapoléon BonaparteKokoramƆgyefuoIndiaBratislawaNepalJoseph Akati SaakaWikipediaAmerikaJerry John Rawlings🡆 More