George Kofi Nfodjoh

George Kofi Nfodjoh yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛɛ mmrahyɛbaguani maa mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mu.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ɔgyinaa Ɔman Democratic Congress a ɛwɔ Ho Central Constituency ananmu.

Mfitiase asetra ne nhomasua

Wɔwoo no wɔ 21 September 1946. Ɔfiri Sokode-Bagble kuro bi a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana . Ɔnyaa ne PGD wɔ Nkitahodi Adesua mu wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 1986.

Adwuma

Ɔyɛ Nsɛm ho amanneɛbɔfo ne aguade ho dawurubɔfo. Ɔne AGC Limited yɛɛ adwuma wɔ Obuasi fi 1987 kosi 1997. Ɔyɛ Ho Mantam no Ɔmantam Panyin fi afe 1997 kosi afe 2001. Na ɔyɛ captain na ɔne Ghana Asraafo no Ɔmanfo Nkitahodi Dwumadibea no yɛ adwuma .

Amanyɔsɛm

Ɔyɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua no muni . Na ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Ho Central mantam a ɛwɔ Volta mantam mu wɔ Ghana. Wɔpaw no sɛ National Democratic Congress mmrahyɛbagua no muni Fida 2004 maa Ho-Central mantam no.

Ɔnyaa abatoɔ dodoɔ a ɛyɛ 49,463 wɔ ɔha mu nkyekyɛmu 84.80% mu de dii n’asɔretiafoɔ a wɔyɛ Seth Dickie Kpodo a ɔnyaa abatoɔ 4,668, Dede Kwesi Levi Michael a ɔnyaa abatoɔ 3,593, Asare Roberta a ɔnyaa abatoɔ 275 ne Tay Prosper a ɔnyaa abatoɔ 302 no so nkonim.

Ankorankoro asetra

Ɔwaree. Ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Katolek Asɔre no muni .

Nsɛm a wɔde gyinaa so

Tags:

George Kofi Nfodjoh Mfitiase asetra ne nhomasuaGeorge Kofi Nfodjoh AdwumaGeorge Kofi Nfodjoh AmanyɔsɛmGeorge Kofi Nfodjoh Ankorankoro asetraGeorge Kofi Nfodjoh Nsɛm a wɔde gyinaa soGeorge Kofi NfodjohGaanaNational Democratic Congress (NDC)

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Hong KongUniversità La SapienzaMmoaAlbaniaKansas Kuro (Missouri)Tano South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)TurkeyRichard QuashigahƆpɛpɔnRussiaGwandarafoɔSylvester AzantilowBirmingham🡆 More