Anthony Bright Boadi-Mensah: Ghana ɔmanyɛfo

Anthony Bright Boadi-Mensah yɛ Ghana amanyɔni.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ogyinaa hɔ maa New Patriotic Party amanyɔ kuw no. Na ɔyɛ mmrahyɛbadwamuni ma Obuasi mpɛsua wɔ Ghana man mu.

Anthony Bright Boadi-Mensah
MP for the Obuasi constituency
Bere
2001-January-07 – 2005-January-06
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MpɛsoaObuasi
Ne ho asɛm
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaAmanyɔni

Amanyɔsɛm

Mensah dii kan bɛyɛɛ mmrahyɛbadwamuni wɔ afe 1996 mu. Ɔka New Patriotic Party kuw no ho. Wɔ afe 2004 mu no, Edward Michael Ennin a ɔno nso fi New Patriotic Party tuu no n'akongua no so.

Abatow

Wɔ afe 1996 Ghana abatow mu no, ɔde mma 44,721 na ɔde dii nkonim. Saa afe no, mma dodow a wɔtow wɔ mpɛsua no mu si 76,429. Enti na Mensah aba no gyina hɔ ma mma dodow a wɔtow no mu 47.7%.

Wɔ afe 2000 mu no, ɔsan gyinae maa New Patriotic Party sɛ mmrahyɛbadwamuni, na ɔsan dii nkonim. Na ne mpɛsua ka mpɛsua a New Patriotic Party nyaa mmrahyɛbadwam nkogua wɔ mu wɔ Asante Mantam. Na nkogua 33 na ɛwɔ Asante mantam. New Patriotic Party nyaa emu 31. Wɔ mmrahyɛbadwam nkogua dodow a na ɛwɔ hɔ no yɛ 200. New Patriotic Party nyaa emu 99. Ɔde mma 46,787 na ɔde dii nkonim wɔ saa afe abatow mu. Mma dodow a wɔtow wɔ saa mpɛsua no mu no si 72,491. Eyi kyerɛ sɛ Mensah nyaa mma dodow a wɔtow wɔ saa mpɛsua no mu 65.4%. Odii Yaw Nsiah Peppah a ogyina maa National Democratic Congress, Sarfo Kantanka a ogyina maa Convention Peoples' Party, Mohammed Nurudeen a ogyina maa People's National Convention, Abdulai Y. Issaku a ogyina maa United Ghana Movement ne Douglas F. Agyemang a ogyina maa New Reformed Party no so nkonim. Eyi mo nyaa mma 18,011, 4,193, 1,636, 806, 123 a egyina hɔ ma mma no mu 25.2%, 5.9%, 2.3%, 1.1% ne 0.2%.

Beae a menyaa nsɛm no fii

Tags:

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Richard Dornu NarteyBaltimoreFulera LimannAtiridiiLatviaKyivAsebu AmanfiCubaAtɛnmufoTwiDresdenOxfordAhanta languageEtuoOwuoZingiber officinaleChan ChanBekwaiNottinghamObubuoKyotoKwadwo SafoOttawaMatthew Kwaku AntwiFacebookNgyiresiNyinsɛnSyriaHonhom KronkronCharles Kofi AgbenazaAtɔɛ MantamTeheranGermanyKojo ThompsonKristosomSenegalBukarestFukuokaFufuoAustriaBenjamin Kofi AyehJohnson Asiedu NketiahAwudieAkomaHamdya AbassBatakariSpainBozoma Saint JohnNana Aba AnamoahUgandaNatalia OreiroBurundiMinneapolisDaesoWashington, D.C.BosomeGhana AkannifoDiébédo Francis KéréPakistanNkɔsoɔ a ɛtena hɔ daa(Sustainable development)KɔtɔnimaaNsuoDetroitJonathan Kwesi LampteyRostov-na-DonuKen Meyir Kunfah🡆 More