Anlo Youth Organization

Anlo Youth Organisation (a wɔsane frɛ no Ano Youth Association) yɛ amanyɔkuo bi a na ɛwɔ Gold Coast a ɛyɛ Ghana no.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛdii Ayigbefoɔ a na wɔwɔ British time pɛn so bɛtenaa Ghana berɛ wɔnyaa faahodie no. Ɛkɔɔ awieeɛ berɛ a wɔnr amanyɔkuo ahodoɔ ka bomm bɛyɛɛ Convention People's Party asɔretiafoɔ.

Anlo Youth Organisation
ƆkandifoɔModesto Apaloo
Bre a wɔde sii hɔ1952
Dissolved1957
Merged intoUnited Party
1954 elections1

Ansa na wɔrebɛnya faahodie

Modesto Apaloo na ɔtee Anlo Youth Organisation. Ekuo no dii dwuma wɔ South-eastern Gold Coast,baabi a Anlofoɔ ɛwɔ. Anlo nkyekyem no Ayigbefoɔ a wɔte German ansana ewiase koo a ɛdikan no reba. Wɔ afe apem ahankron ne aduonum mmienu mu no, British kaa South -eastern beaɛ bi a ɛwɔ Gold Coast a na ɛka Eastern asaase a anaafoɔ fa baabi a ɛwɔ Trans-Volta Togoland, British Togoland ka ho bom. Wei maa Ayigbefoɔ nom kyɛɛ mmienu wɔ British mmara ase na ɛfa a aka no nso hyɛ French mmara ase. Amanyɔkuo no kɔɔ aporɔbɔ a na wɔpɛ sɛ wɔnya British Togolandfoɔ ma wɔbɛka Gold Coast a ɛwɔ faahodie ma no bɛyɛ Ghana saa nso na Togoland Congress nso pɛsɛ UN trust territory ne French Togoland san bɔm.

Wɔ aba a wɔtoo no wɔ Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ so du num wɔ afe apem ahankron ne aduonum nan mu no, amanyɔkuo no nyaa ɔha ne nan akonnwa. Na Modesto Apaloo na ɔyɛ mmarahyɛbedwani a a wɔyii no firii amanyɔkuo nom.

Faahodie akyi no

Ghana nyaa faahodie akyi wɔ ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron ne aduonum nson mu no, wɔdaa "Avoidance of Discrimiation Act,1957(C.A) adi. Ne botaeɛ ne sɛ wɔbɛsi amanyɔkuo a dodoɔ no ara yɛ abusua, ɔsom baako kwan. Ne dwumadie hyɛɛ aseɛ ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe apem ahankron ne aduonum nson".

Kwan a yɛbɛfa so asi dwumakuo a wɔde anaasɛ wɔde wɔn ho awura abusuakuo, mantam anaa ɔsom de seɛ mpɔtam anaasɛ ɔde repɛ diberɛ bi ɛnam nnipa no abusuakuo so, mantam anaa ɔsom botaeɛ foforɔ kwan.

Wei kyerɛ sɛ edin Anlo a ɛyɛ Ayigbefoɔ bi no ammfa mmara kwan so atoa so ama amanyɔkuo no gu so wɔ mmara no ase. Amanyɔkuo a ɛyɛ asɔretiafoɔ, National Liberation movement, Muslim Association Party, Northern People's Party, Fa Shifimo kɛse, Togoland Congress ne Anlo Youth Organisation ka bomm tee United party, wɔ Kofi Abrefa Busia pɛn so.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Amanyɔ kuoGaanaGold Coast (British colony)

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Nana Akufo-AddoPhiladelphiaOmskYawoadaDiyonHelaKobena Mensah WoyomeMarrakechVladivostokAnadwoDresdenMarvin Ávila JrGloria AkuffoHambɔgOklahoma CityEssenNnwomSebɔAdwumayɛfo kuw (Trade union)MmoaWiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )AlgerAhanta languageBetty Crosby MensahƆdɔKojo ThompsonZaragozaƐbenadaEbola yareMelody Millicent DanquahAppietusAmanishakhetoRomaniaJerry John RawlingsKontomire forɔyɛWenchi Tomato adwumayebeaLondonTayannaKubeSamuel KoteyAsebu AmanfiAkwasiSunuani East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)BatakariAzerbaijanBurundiNeymar na ɔkyerɛweeKasablankaDabenartiMünchenJoseph Akati SaakaSamira BawumiaKairoBibelCroatiaAduaneMfinimfini Mmere mu Nkaedum a ɛwɔ KosovoTorinoNana baaChinaIndiaWikipediaAbibrem🡆 More