Acanthospermum Hispidum

Acanthospermum hispidum (bristly starbur, goat's head, hispid starburr, starbur) yɛ afifideɛ bi a ne nkwa nna nyinaa gyina afe baako pɛ so.

Acanthospermum hispidum
Acanthospermum Hispidum
taxon
short nameA. hispidum Sesa
taxon nameAcanthospermum hispidum Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonAcanthospermum Sesa
taxon common namehispid starbur, 刺苞果, 刺苞果 Sesa
NatureServe conservation statussecure Sesa
maintained by WikiProjectWikiProject Invasion Biology Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=1077 Sesa

Wei kyerɛ sɛ, ɛyɛ afifdeɛ ɛso aba, nyini na ɛwu wɔ afe baako ntam. Saa afifideɛ yi bɔ Asteraceae afifideɛ abusua no, afifideɛ kuo a ɔdɔm ne Acanthospermum afifideɛ kuo no na abɔdeɛ nyinaa mu no ɔka Planta kuo no ho.

Afifideɛ yi firi Amɛrika mfimfini ne anaafoɔ mantam no mu. Ɛdin Acanthospermum no, wɔnya firii Greek nsɛmfua akantha a ɛkyerɛ nkasɛɛ ne sperma a ɛkyerɛ aba mu. Hispidum yɛ Latin asɛmfua a n'asekyerɛ ne nkasɛɛnkasɛɛ. Saa affifdeɛ yi, ato apete amantam ahodoɔ bi te sɛ Eurasia mantam (Europe ne Asia mantam a wɔaka abom), Afrika mantam, Amerika ne Australia mantam mu. Na wɔ Australia Atɔeɛ mantam mu no, wɔbu no sɛ affideɛ a ɛyɛ nwura.

Deɛ ɛma no da nso ne nwini a ɛwɔ ne ho, n'ahaban ne nnuaba a ɛso a ne su ayɛ sɛ nsommma nterantera ne nhwiren a ne kɔla ne ahabammono na akokɔ sradeɛ no.

Brasil no, wɔbu no sɛ nnwura wɔ asaawa adwuma no mu na afei nso, ɛyɛ afifideɛ a wɔde sa yareɛ. Yareɛ ahodoɔ a wɔde sa no bi ne atiridii, tipaeɛ, ayamtim, yafunu yareɛ, ɛtwerɛ, nyarewa a mmoawamoawa de ba te sɛ nsamanwa ne deɛ ɛkeka ho.

Na wokɔ India nso a, wobɛhunu sɛ ɛtaa fifi akwantepɔn nkyɛn ne baabi a nsuo wɔ mu pa ara.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

SyriaAsutifi South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)Sekune-TakoradeEric Opoku (politician)OffinsoEugenia aromaticaBlighia SapidaNkwanta South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)Legson KayiraHiroshimaNetherlandsOkaikwei SouthBarbara Oteng GyasiAwuradeNnomaaVaccineUniversity of OxfordBenjamin Kofi AsamoahIranIsraella Kafui MansuCola nitidaLondonEno BaronyAbass Ridwan DaudaBobesaBaghdadNana Odame KusiBangladeshFlagellaria guineensisCape Coast Technical InstituteƐpo so hyɛnBratislawaAcacia kamerunesisSampson Kwaku Boafo🡆 More