Yareɛ Mu Nhwehw3 Mu

ɛwɔ nnipa apomuden mu adesua mu no, yareɛ nhwehw3 mu y3 kwan a wofa so de hunu nnipa mu yareɛ ne kwan a ɛfa so da ne ho adi.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Apomuden mu adwuma y3 foɔ bisa nea oyare no nsɛm bi ɛfa ne nnipadua ne n’asetena mu. Wo san nso hwehw3 ne nnipadua mu de boa boa suahunu a ɛboa won ama wɔn ahu yareɛ no suban ne ne tebea. Mpen bi nso no, wo de nnipa amu de sua yareɛ bi suban. Yareɛ mu npensenpensen mu ny3 adwuma kumaa koraa. ɛsane sɛ kwan a nne3ma bi da ne ho adi wo nnipadua no mu no tumi kyerɛ yareɛ bebree. Yɛnfa no sɛ, honam no baabi ayɛ kɔkɔɔ. Saa tebea yi tumi kyer3 yareɛ bebree a ɛwɔ nnipadua no mu. kwan a y3fa so de hwehwɛ yareɛ no mu nneɛma a ɛda nso wo kwan ahorow a yɛfa so hwehwɛ yareɛ mu no bi ne:

  • Yɛ boa nsɛm a ɛfa yarefoɔ no ho ano afiri nnipa a wɔbɛn no ho. Nsɛm no bi ne, n’apomuden mu nsɛm, ne ne nnipadua mu nhwehwɛ mu. Saa nhwehwɛ mu yi yɛ boa ma wo hunu yareɛ potee a ɛwɔ nnipadua no mu. Nhwehwɛ mu yi nso ma wotumi kyerɛ yareɛ bi a ɛbetumi ada ne ho adi wo nipadua no mu daakye bi.
  • Yareɛ mu animdefoɔ nso tumi ma yɛn mmuano ne nhunumu fa yareɛ tebea bi ho.

Akwan ahorow pii wo hɔ a wotumi fa so de y3 npensenpensen mu fa yareɛ bi ho. Wotumi de abɛɛfo nfidie hwehwɛ yareɛ mu mpo.

Covid 19 nhwehwɛmu

Wotumi de nhwehwɛ mu kwan a  broni frɛ no reverse transcription polymerase chain reaction (rRT-PCR) anaa CT imaging de hwɛ sɛ mmoawa a wɔde Covid nframa mu yareɛ no ba no wo onipa bi mu. Nsohwɛ bi a won ay3 fa PCR ne CT no wɔ Wuhan kyerɛ sɛ, CT no ano yɛ den sen PCR nanso ɛtumi hu yareɛ ahorow ka covid 19 no ho. Ne saa nti no, sukuu pɔn bi a ɛwɔ America tu fo sɛ, ma won nfa CT no nhwehwɛ covid 19 mmoawa no.

Mmoawa nhwehwɛ mu.

WHO a ɛyɛ wiase nyinaa dwuma die kɛseɛ a ɛhwɛ nnipa apomuden nsɛm mu de nkrataa bebree aba ɛfa kwan a wo kanfo ma amansan sɛ wonfa so nhwehwɛ covid mmoawa no mu. Nea edi kan no baa Opɛpɔn da ɛtɔ so du-nson. Wode PCR afidie no yɛ nhwehwɛ mu no. Wo tumi twe mogya anaa nneɛma a ɛfi ahwerawa mu. Nhwehwɛ mu yi ho nsunsuasoɔ da ne ho adi wɔ dɔnhwere baako akyi. Wode drɔben bi fa onipa mmene mu de twe amaman kakra. Bɛyɛ Oforisuo da ɛtɔ so nsia, afe 2020 mu no, na nhwehwɛ mu bea ne nnwuma bebree reyɛ nfidie nketewa bi a wobetumi de ahwehwɛ nipadua ne mu ahuoden mmoa a woko tia yareɛ ahorow. Nanso won mu biara nyaa krataa a ɛbetumi ama wɔn de asɔ nnipa bebree ahwɛ. Wɔ America man mu no, dwuma kuo bia wofrɛ no Cellex anya tumi krataa a wobetumi de ay3 nhwehwɛ mu wɔ mpofrimu.

References

Tags:

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Amidu SulemanaWhatsAppItaliBurundiNana Akufo-AddoEmil Kwadzo BrantuoAuxerreBrasíliaKɔtɔnimaaKorea anaafoɔKokoramNnwomMfinimfini Mmere mu Nkaedum a ɛwɔ KosovoGomoa PomadzeHitachiSpanishKwasiadaRostov-na-DonuChop BarKairoFranceLatviaGranadaMarseilleEmpire State BuildingAustraliaAduroAnadwoAyɛwohummumɔMesikoZukiswa WannerUgandaMoskowMaltaAngolaOwuoSanaaAustriaOphelia CrosslandNana baaPalisota hirsutaFanteOxfordGaanaHambɔgAnacardium occidentaleVladivostokJoseph Yaani LabikAma Benyiwa-DoeAtiridiiUkrainianKudoɔNkɔsoɔ a ɛtena hɔ daa(Sustainable development)NnomaaƆgyefuoAzerbaijanCuritibaKidiYawoadaTeheranMunisipalBuilsa North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)KyotoChinaHamdya AbassIndonesia🡆 More