Università Di Milano-Bicocca

Milano-Bicocca Suapɔn no wɔ Milan atifi abɔten so, a wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe no mu no ɛtaa Pirelli industrial Complex.

Suapɔn no mu

Ɔdansini Vittorio Gregotti sane bɛsiesie beaɛ a industrial no wɔ no dekɔɔ urban Complex a Miilano-Bicocca suapɔn labo a wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ hɔ ɛne beaɛ a asuafoɔ no bɛda nso ka ho.

Abakwasɛm

Miilano-Bicocca suapɔn no firi berɛ a wɔkyekyɛɛ Milan Suapɔn a na saa berɛ no asuafoɔ bɛyɛ mpem aduokron na abɔdɔmpe wɔ hɔ wɔ afe apem ahankron ne aduokron nom. Beaɛ kɛseɛ a na ɛwɔ Milan atifi a ɛyɛ Bicocca na wɔde maa sɛ wɔnsi suapɔn foforɔ no wɔ hɔ. Na Pirelli industrial Complex agye hɔ afa ansa na wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nom no wɔtumi sii Suapɔn no, na suapɔn foforɔ no ka urban renewal project akɛseɛ no ho. Wɔsii suapɔn no wie ankasa wɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ du wɔ afe apem ahankron ne aduokron nnwɔtwe nom. Miilano-Bicocca suapɔn yɛ suapɔn a ɛkyerɛ nnoɔma bebree ɛwɔ akwan ahodoɔ pii so : Economics, Informatics, Statistics, Law, Education, Sociology, Medicine and Surgery, Maths, Natural Sciences, Physics and Astrophysics, Chemistry, Computer Sciences, Biotechnology and Psychology.

Nkorabata ahodoɔ.

Milan-Bicocca suapɔn wɔ nkyekyɛmu nnwɔtwe:

  • Faculty of Economics and Statistics.
  • Faculty of Science of education.
  • Faculty of Law.
  • Faculty of Mathematics, Physics and Natural Sciences.
  • Faculty of Medicine( a wɔnyaa firii Monza, Lissone e Vedano al Lambro, San Gerardo ayaresabea).
  • Faculty of Psychology.
  • Faculty of Sociology.

Asuafoɔ dodoɔ a ɛwɔ suapɔn no mu a akɔsoro efiri berɛ a ɔtee suapɔn no. Wɔ wɔn adesua nkyekyɛmu a ɛdikan no na asuafoɔ no dodoɔ yi mpem du-nkron,ne ahasa(15,300), a atumpɔn kɔ mpem aduonu nson, ahanan ne aduowɔtwe baako (27,481) firi mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa nom dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan nom(2003-2004) ɛna ɛduruu mfeɛ mpem mmienu ne num nom dekɔɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia(2005-2006) mu no wɔnyaa asuafoɔ bɛboro mpem aduasa.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Università Di Milano-Bicocca Suapɔn no muUniversità Di Milano-Bicocca AbakwasɛmUniversità Di Milano-Bicocca Nkorabata ahodoɔ.Università Di Milano-Bicocca Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛUniversità Di Milano-Bicocca

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

DresdenAmɑnɑmɑn NkɑbɔmuBaltimoreMain PageKwabena DonkorRonald ReaganEhyiaAfromomum MeleguetaRas DashenAzerbaijanSynsepalum dulcificumAnna NetrebkoMmarahyɛbadwaniSissala East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)uq0isƐpo so hyɛnDaniel GyamfiPachypodanthium staudtiiKɔtɔnimaaAbena TakyiwaNnipaAduroTony Blair🡆 More