Jabaah John Bennam

Jabaah John Bennam (wɔwoo no afe 1965) yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛɛ mmrahyɛbaguani maa Zabzugu-Tatale Mantam no firi 7 Ɔbɛnem 2009 kɔsi 6 Ɔbɛnem 2017.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Mfitiase asetra ne nhomasua

Wɔwoo Bennam wɔ 4 May 1965. Ɔfiri Kuntumbiyile kuro bi a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu . Ɔnyaa ne diploma wɔ mfitiaseɛ nwomasua mu wɔ University of Education, Winneba, ne ne Bachelor of Business Administration (BBA) abodin krataa ne master’s degree wɔ Project Management mu wɔ University of Phoenix, Phoenix, Arizona, United States wɔ afe 2009 ne 2012 mu.

Adwuma

Bennam yɛ Ghana Co-operative Market sohwɛfoɔ Abadiakyiri firi afe 1990 kɔsi afe 1993. Efi 1993 kosi 2001 no ɔbɛyɛɛ n’ankasa adwuma sɛ obiakofo a ɔyɛ adwuma.

Amanyɔsɛm

Bennam yɛɛ Ɔsomfoɔ Abadiakyiri firi afe 2001 kɔsi afe 2005. Ɔkɔɔ mmrahyɛbagua mu wɔ 7 Ɔbɛnem 2013 wɔ New Patriotic Party no tekiti so sɛ obegyina Zabzugu-Tatale Mansin ananmu . Ɔsom wɔ saa dibea no mu mfe abien a ɛtoatoa so. Wɔ afe 2016 mu no, ɔhweree nkongua no maa Alhassan Umar a ɔwɔ National Democratic Congress .

Ankorankoro asetra

Bennam aware na ɔwɔ mma baason. Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni.

Nsɛm a wɔde gyinaa so

Tags:

Jabaah John Bennam Mfitiase asetra ne nhomasuaJabaah John Bennam AdwumaJabaah John Bennam AmanyɔsɛmJabaah John Bennam Ankorankoro asetraJabaah John Bennam Nsɛm a wɔde gyinaa soJabaah John BennamGaana

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

AtɛnsBaba Jamal Mohammed AhmedSevillaRonaldo AwuduJ.B. DanquahDialium guineenseKratafa TitiriwPakistanHungarySiegfried & RoyChinaIstanbulMallotus oppositifoliusMohammed Habibu TijaniPachypodanthium staudtiiButanNana Odame KusiCristiano RonaldoLedzokuku (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)🡆 More