Issahaku Salia Yɛ Ghana amanyɔni a ɔno ne ɔhwɛfo panin (Administrator).
Ɔsoom sɛ mmrahyɛ badwani wɔ Wa Atifi Apueɛ mpɛsua so (Upper West Constituency ) de firi Ɔpɛpɔn bosome no ne da ɛtoso nson wɔ mfei apem aha nkron aduokron mmiensa de kɔsii Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛtoso nsia wɔ mfei mpem mmienu ne num no mu.Ɔsansi som sɛ Atifi Atoeɛ Mantan mu Suafoɔ.
Issahaku Salia | |
---|---|
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Wa East | |
Bere 7 January 1993 – 6 January 2005 | |
Odikanfo | Sakara Adam Badoun |
Ananmusini | Godfrey Tangu Bayon |
Ne ho asɛm | |
Awo bere | 15 June 1952 Manwe, Upper West Region |
Ne man | Ghana |
Amanyɔkuo | National Democratic Congress |
Adesua | Navrongo Senior High School |
Sukuu a w'akɔ |
|
N'adwuma | Administrator and Politician |
Issahaku Salia wɔn woo no wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no ne da ɛtoso dunum wɔ mfei apem aha nkron ne aduonum mmienu (15 th June 1952) wɔ Manwe wɔ Atifi Atoeɛ Mantan mu a ɛwɔ Ghana. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Green Hill University a ɛnnɛ ɛno ne Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA), a ɛhɔ na ɔnyaa ne Diploma wɔ Public Administration ɛne suapɔn a ɛwɔ Ghana (University of Ghana ) ɛhɔ na ɔnyaa abɔdin krataa sɛ Bachelor of (Science) abɔdeɛ nyansa pɛ degree wɔ political Science. Salia daso te nkwamu.
Na ɔyɛ mmerahyɛ badwani wɔ mmerahyɛ badwa a ɛdinkae (1St), deɛ ɛtoso mmienu (2nd) ne deɛ ɛtoso mmiensa (3rd ) wɔ mmrahyɛ badwa a ɛtoso nan wɔ Ɔman Ghana mu.
Wɔn dii nkae to aba m'ano kɔɔ mmrahyɛ badwam wɔ National Democratic Congress tumi krataa so ma no gyina wɔ maa Wa Atoeɛ mpɛsuaso wɔ Ghana Atifi Atoeɛ Mantan (Upper West Region of Ghana )mu ɛwɔ mfei apem ahankron aduokron mmienu (1992) wɔ Ghanafoɔ nyinaa mmrahyɛ badwam abatoɔ ( Ghanaian Parliamentary Election) no mu. Ɔhyɛɛ ne dwuma die ase sɛ mmrahyɛ badwani wɔ mmrahyɛ badwa a ɛdikae wɔ Ɔman Ghana mmrahyɛ badwa a ɛtoso nan no mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome no ne da ɛtoso nson (7th January ) no mu wɔ mfei apem ahankron aduokron mmiensa (1993) mu.
Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛ badwani wɔ Ghana mmrahyɛ badwa a ɛtoso mmienu no wɔ Ɔpɛpɔn bosome no ne da a ɛtoso nson wɔ mfei apem ahankron aduokron nson wɔ mmerɛ a wɔn bɔɔ ne din sɛ ɔno na ɔdii nkunim wɔ mfei apem ahankron aduokron nsia Ɔman Ghana nyinaa abatoɔ no mu a ɔdii Boyela Insah a ɔgyina wɔ New Patriotic Party no so nkunim. Ɔnyaa mpem aduonum nsia ne akyire po aduoson wɔ ɔha nkyekyɛmu mu (56.70%) wɔ nsusueɛ mu ɛyɛ mpem aduonu mmienu ne aduoson nwɔtwe (22,078) wɔ abatoɔ a yɛ gye toomu kenkaneɛ .Na deɛ ɔne no gyina peree abatoɔ no nso nyaa mu dunsia ne akyire po aduosia (16.60%) wɔ ɔha nkyekyɛmu mu a wɔ nsusueɛ mu no ɛyɛ mpem nsia aha nan ne aduanan num (6,445) wɔ abatoɔ no mu.
Wɔn too aba maa no kɔɔ mmrahyɛ badwam wɔ National Democratic congress tumi krataa so wɔ Ɔman mu no nyinaa abatoɔ a wɔn too wɔ Ɔman Ghana mu wɔ mfei mpem mmienu abatoɔ (General Election in Ghana) a ɔgyena ma Wa Apueɛ (East) mpɛsuaso(constituency) wɔ Atifi Atoeɛ Mantan mu (Upper West Region ) wɔ Ghana.
Ɔnyaa mpem du nan ɔha mmienu ne aduoson nwɔtwe (14,278) firii mpem aduonu num aha nson ne aduokron num a(25,795) wɔ abatoɔ a wɔ toeɛ no mu a deɛ ɔnyaaeɛ no gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu num ne akyire po aduanan (55.40%). na ɔde dii nkunim wɔ Bayon Godfred Tangy, a ɔgyena wɔ New Patriotic Party. mmrahyɛ badwam ni wɔ mpem mmienu ne nan Ghana Ɔman mu no nyinaa abatoɔ no mu.
Ɔman panin abediakyire na ɔda no adi wɔ Ɔsanaa bosome no ne da a edikae wɔ mfei mpem mmienu ne du (2010) de no kyerɛɛ ahenfo ne amanfoɔ a wɔn wɔ mantan no mu sɛ Atifi Atoeɛ Mantan mu soafoɔ.
Salia yɛ akane mmrahyɛ badwam ni ma Wa Apueɛ mpɛsuaso wɔ (Wa East Constituency ) wɔ Atifi Atoeɛ Mantan mu (Upper West Region) a ɛwɔ Ghana. Ɔsanso yɛ ɔhwɛfoɔ panin (Administrator).
Salia yɛ Nkramo som ni (Muslim ).
This article uses material from the Wikipedia Twi article Issaku Salia, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.