Ghana Founders' Day

''Founders' Day'' yɛ Ghanaman afofida a yɛde kae yɛn Nananom (''the Big Six''), ko a wokooɛ de gyee faahodie maa yɛn.

Akane no na yɛfrɛ ɛda no, Kɔfabae da, efirisɛ na yɛde kae Ɔsagyefo Dr. Kwame Nkrumah ɛwɔ ne mmɔdenmɔ wɔ Ghana faahodie gyeɛ firi aborɔfo no nsam' mu. Ɛsan sɛ n'awoda yɛ ɛbɔ 21 nti, na yɛhyɛ saa ɛfa yi ɛbɔ 21 afe biara. Nsakyeraeɛ a ɛbaaeɛ wɔ saa afofida yi die mu sii Ɔman Panyin Akuffo Addo berɛ so,  berɛ a ɔkyerɛɛ sɛ wɔn a na wɔka Ɔsagyefo Nkrumah ho a yɛfrɛ wɔn ''the Big Six'' no nso fata sɛ yɛhyɛ wɔn anuonyam firi sɛ wɔn nso boaaeɛ ɛwɔ ɔman yi faahodie ko no mu. Saa nnipa nnum yi ne: Edward Akufo-Addo, Joseph Boakye Danquah, Emmanuel Obetsebi-Lamptey, William Ofori Atta, ɛne Ebenezer Ako-Adjei. Saa Nipa kuo yi na ɛka Ɔsagyefo Nkrumah ho ma wɔyɛ nsia a afe biara yɛhyɛ wɔn anuonyam, Ɔsanaa 4, Ghana kɔfabae afofida no mu.

Abakɔsɛm

Na yɛhyɛ Ɔman kɔfabae fa yi ɛbɔ, 21 afe biara de kae Ɔsagyefo Kwame Nkrumah, ɔmanpanin a odi kan ɛwɔ ne mmɔdenmɔ ɔbbɔeɛ, ɔne ɔman no akunini nsia (Big Six) ɛwɔ ɔman no ko ma faahodie no. Ɔmanpanin Nana Addo Dankwah Akuffo Addo na ɔhyɛɛeɛ sɛ yɛnsesa ɛda a yɛde hyɛ fa no nnkɔ Ɔsanaa, 4 na yɛnfa nnkae akunini nsia no ne obiara a  ɔboaaeɛ wɔ ɔman no faahodie mu  na mmom nnyɛ Kwame Nkrumah nko ara. Afei Ɔmanpanin san yɛ nhyehyeɛ sɛ,  ɛbɔ 21, no nnyɛ Kwame Nkrumah nnkae da; Kwame Nkrumah awoda ne saa da no. Saa nhyehyeɛ yi maa yɛnnyaa kɔfabae da, sɛ ɛda a yɛde kae ɔman mo mu akunini nyinaa na afei Kwame Nkrumah awoda; ɛda a yɛde kae Nkrumah na yɛhyɛ no anuonyam sɛ Ghana manpanin odi kan ne okunini a odii anim' ko gyee Ghana faahodie.

Ɛwɔ bosome ɔbɛnim, afe 2019, mu no, ɔman mu afofida ho nhyehyeɛ sɛ Ɔsanaa 4, nnyɛ kɔfabae da bɛyɛɛ mmara. Ɔsanaa 4, a ɛyɛ kɔfabae afofida no nso ne bere a yɛtee ɔman yi mu  amanyɔkuo a edi kan, UGCC no kɔ pɛ; Ɔsanaa 4, afe 1947. Kɔfabae da yɛ da bi a yɛde hyɛ akunini nsia no a yɛboa gyee Ghana faahodie,  ɛna Kwame Nkrumah nkae da no yɛ ɛda a yɛde kae Nkrumah sɛ Ɔman no manpanin a odi kan na afei yɛde di n'awoda.

Tags:

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Joseph Arthur AnkrahAbibimanKazanMicrosoft PowerPointAlbaniaKwawuAbakɔsɛmMain PageOti Asubɔnten (River)Katografi - Asaase ho mfoninyɛAkwasiUkraineBenadaƆtare Togo (Lake Togo)KlεwεlandLithuaniaEbola yarePigazzanoNana Akufo-AddoFanteakwa North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)LaosZoe wicombVietnamEvelyn BaduAmaJessica Opare-SaforoMumbaiƐlɛktrisitiTrabzonJanet EgyirKwame NkrumahDavid AdakuduguNsuta-Kwamang (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)MaameSubin (Ghana parliament constituency )MogyaNigeriaAduroAbawoIndonisiaGhana AkannifoKeteke gyinabeaTereza KesovijaBelarusSan FranciscoSamuel Ato AmoahBratislawaRonald ReaganƐpoMoskowHakkâriDella SowahCecilia Gyan Amoah, Gana Mmerahyɛ BadwaniAngolaNzulezo🡆 More