Ghana Amanyɛnyi Ahmed Ibrahim: Ghana amanyɛfo

Ahmed Ibrahim yɛ Ghana amammuifoɔ ne mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no muni a ɔgyina Banda Mansin ananmu wɔ Bono Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Mprempren ɔyɛ Deputy Minority Chief Whip wɔ Ghana mmrahyɛbagua no mu.

Mfitiase asetra ne nhomasua

Wɔwoo Ibrahim wɔ 6 May 1974, wɔ Banda Ahenkro wɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana. Ibrahim suaa adeɛ wɔ Ghana Suapɔn mu baabi a ɔnyaa abodin krataa wɔ Amanyɔsɛm ne Nyansapɛ mu wɔ afe 2001.

Adwuma

Na ɔyɛ Flamingo Publications (Ghana) Limited adwumayɛfo panyin.

Amanyɔsɛm

Ibrahim hyɛɛ n’amammui adwuma ase wɔ afe 2009 mu bere a wɔkae sɛ ɔno na odii nkonim wɔ afe 2008 Ghana Amansan Abatow mu maa ne mansin no. Afei wɔpaw no sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 wɔ Ghana Aman a ɛtɔ so nnan no mu wɔ 7 Ɔbɛnem 2009. Bere a ɔwiee n’ahennie a ɛdi kan no, Ibrahim sii gyinaeɛ sɛ ɔbɛsi akan bio wɔ afe 2013 mu na ɔdii Joe Danquah so nkonim de kuraa n’akongua so. Wɔ afe 2015 mu no, ɔsii akan na odii nkonim wɔ NDC mmrahyɛbagua primaries mu maa Banda mantam a ɛwɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana. Ɔdii nkonim wɔ saa mmrahyɛbagua atenaeɛ yi mu wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu denam abatoɔ 6,167 a ɔnyaeɛ a ɛgyina hɔ ma 52.03% tiaa nea ɔne no reko no abatoɔ 5,660 a ɛgyina hɔ ma 47.76%.

Boayikuw ahorow

Ibrahim yɛ Budget Boayikuo Titiriw no muni; Nkitahodi Boayikuw no muni; ɔyɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔso Boayikuw no muni; ne Adwumayɛ Boayikuw no muni.

Ankorankoro asetra

Ibrahim yɛ Kristoni. Ɔwaree na ɔwɔ abofra baako.

Nsɛm a wɔde gyinaa so

Tags:

Ghana Amanyɛnyi Ahmed Ibrahim Mfitiase asetra ne nhomasuaGhana Amanyɛnyi Ahmed Ibrahim AdwumaGhana Amanyɛnyi Ahmed Ibrahim AmanyɔsɛmGhana Amanyɛnyi Ahmed Ibrahim Ankorankoro asetraGhana Amanyɛnyi Ahmed Ibrahim Nsɛm a wɔde gyinaa soGhana Amanyɛnyi Ahmed Ibrahim

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

HungaryDominic AyineAmanyɔniDialium guineenseWegbe KpalimeOmahaRoger FedererSammy GyamfiKakube AfahyɛSissala East (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)Akatsi South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)AmamerɛLambussie (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)QalhataBrasilRio de Janeiro🡆 More