Yekaterinburg

Yekaterinburg (Екатеринбург) yε kuro kεseε a ɛwɔ Russia.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Emu nipa dodoɔ yɛ ɔpepepem baako, ahaasa aduanan nkron ne ahawɔtwe (1,349,800). Ɔtee Yekaterinburg wɔ Obubuo bosome da a ɛtɔ so du-nnwɔtwe wɔ afe apem aha-nson aduonu mmiɛnsa mu (1723) ɛna ɔde too Russian emperor Peter the Great yere, deɛ ne wuo akyi no ɔbɛyɛɛ Catherine I, Yekaterina yɛ ne Russian din. Na Kuro no yɛ beaɛ a ɛde sika berɛ Russian Empire paa yie na ɛsan nso ka Europe ne Asia bɔ mu

Yekaterinburg
Yekaterinburg

Nnipa dodoɔ

Sɛdeɛ afe mpem mmienu ne du (2010) mu nnipa ne adan akenkan dwumadie no kyerɛ no, nnipa dodoɔ a wɔtete Yekaterinburg kuro no mu no yɛ ɔpepepem baako, ahaasa aduanan nkron ne ahanson aduoson mmienu (1,349,772); a akɔ soro kakra afiri ɔpepepem baako, ahaanu aduokron mmiensa ne ahanum aduasa nson (1,293,537) a yɛnyaa no wɔ afe mpem mmienu ne mmienu (2002) mu nnipa ne adan akenkan dwumadie no mu no.

Saa mmerɛ a wɔyɛɛ afe mpem mmienu ne du (2010) nnipa ne adan akenkan dwumadie no,na mmusuakuo ahodoɔ a wɔtete kuro no mu no dodoɔ yɛ ɔpepepem baako, ahaanu aduanan mmienu ne ahankron aduasa mmienu (1,242,932) a saa mmusuakuo yi ne:

Ethnicity Population Percentage
Russians 1,106,688 89.0%
Tatars 46,232 3.7%
Ukrainians 12,815 1.0%
Bashkirs 11,922 1.0%
Mari 6,481 0.5%
Azerbaijanis 6,381 0.5%
Tajiks 5,868 0.5%
Armenians 5,271 0.4%
Jews 4,339 0.3%
Uzbeks 4,072 0.3%
Others 32,863 2.6%

Ɔsom ahodoɔ

Yekaterinburg 
This photo by Sergey Prokudin-Gorsky from 1910 shows the tallest building in the Urals at the time, the Great Zlatoust bell tower

Kristosom ne ɔsom a agye nhini wɔ kuro no mu yie pa ara, a ɛmu nnipa no mu pii no ara kɔ Russian Orthodox asɔre no bi. Wɔwɔ Yekaterinburg ɛne Verkhotursky diocese a ne nyinaa wɔ Holy Trinity Cathedral a ɛwɔ kuro no mu. Ɔsom ahodoɔ nkae a ɛwɔ kuro Yekaterinburg mu no bi nso ne Islam, Old Believers, Catholicism, Protestantism, ɛne Judaism.

Yekaterinburg kuro no wɔ Nkramofoɔ pii a sɛ wode kɔ ɔha mu nkyekyɛmu a wɔdɔɔ so beberee, nanso kuro no nni nkramodan ahodoɔ a nkramofoɔ yi bɛtumi akɔ mu akɔfrɛ nyame: kuro no mu nyinaa nkramo dan nkumaa ahodoɔ mmienu pɛ na ɛwɔ mu. wɔsii nkramo dan foforɔ wɔ kuro baako a yɛfrɛ no Verkhnyaya Pyshma a ɛbɛn Yekaterinburg. Wɔ Ahinimie bosome no da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ afe mpem mmienu ne nson mu no (24 November 2007), wɔtoo ɛboɔ a ɛdi kan koraa a wɔde hyɛɛ nkramodan kɛseɛ bi sie ase a ɛwɔ minarets ahodoɔ nan, a ɛtumi fa nnipa a wɔn dodoɔ yɛ mpem mmienu ne ahanum (2,500) wɔ hyiadan no mu.

Amanyɔsɛm

Yekaterinburg na ɛyɛ baabi Sverdlovsk Oblast aban mu dwumadie kɛseɛ no ara kɔ so. Sɛ ɛba no amanmuo mu a kuro no wɔ rural localities ahodoɔ aduonu nkron ka ho a wɔde dwuma, a ne nyinaa wɔ kuro Yekaterinburg no mu, a saa nkyekyɛmu yi mu biara gyina ne ho so sɛ districts.Sɛ yɛfa no sɛ municipal division nso a , kuro Yekaterinburg sane nso wɔ deɛ yɛfrɛ no sɛ Yekaterinburg Urban Okrug.

Administrative districts

Administrative districts of Yekaterinburg
Label OKATO Name Area Population (2017) Founded Head Website Dialing code(s) Subdivisions
1 65 401 364Nhwɛsoɔ:Dead link Verkh-Isetsky 240 square kilometres (93 sq mi) 213,020 1919 Nyrkov Sergey Fedorovich .cm +7 3432, +7 3433 8
2 65 401 368Nhwɛsoɔ:Dead link Zheleznodorozhnyy 126.3 square kilometres (48.8 sq mi) 161,670 1938 Kurochkin Andrey Viktorovich .cm +7 343 8
3 65 401 385 Ordzhonikidzevsky 102 square kilometres (39 sq mi) 284,510 1934 Trapeznikov Vyacheslav Anatolyevich .cm +7 3433 6
4 65 401 373Nhwɛsoɔ:Dead link Kirovsky 72 square kilometres (28 sq mi) 225,691 1943 Loshakov Alexander Yurievich .cm +7 343 7
5 65 401 380Nhwɛsoɔ:Dead link Oktyabrsky 157 square kilometres (61 sq mi) 146,670 1934 Rudometov Roman Alexandrovich .cm +7 3432 11
6 65 401 390Nhwɛsoɔ:Dead link Chkalovsky 402 square kilometres (155 sq mi) 265,113 1943 Misharin Vyacheslav Nikolayevich .cm +7 3432 10
7 65 401 377Nhwɛsoɔ:Dead link Leninsky 25 square kilometres (9.7 sq mi) 158,840 1934 Dmitry Nozhenko .cm +7 343 3

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Yekaterinburg Nnipa dodoɔYekaterinburg Ɔsom ahodoɔYekaterinburg AmanyɔsɛmYekaterinburg Baabi a menyaa mmoa firiiɛYekaterinburgObubuoRussia

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

KwenkwenBatahaliyeMoses Mabengba BukariUpper West RegionJapanStockholmUnited StatesMesikoMokowa Blay Adu-GyamfiItalianFernando HaddadPakistanGhanaOsibisaRabatHyerifatu SomailaTwiAkwasi AfrifaAbibremKwasiadaMpenatweɛPeduaseGambiaKwadwo SafoKorea anaafoɔKpledjoo AfahyɛGreat Wall of ChinaƆsannaaSan Jose, CaliforniaMmoaUniversal code of conductRío Plátano Nkwammoaa a Wɔkora SoHelaBlack SherifEnglishNtoaso sukuuƐbenadaAbantuguo (Coup d'état)Sphinx (Giza)Hambɔg2004 Ghana AbatoɔOsloFrancis Alex TsegahNnwomSliemaRonald ReaganGuinea-BissauAsorɔkyeCubaGeorge William AmponsahƆbɛnemNatalia OreiroPueblaKropyvnytskyiKyiv🡆 More