Vida Amaadi Yeboah pronounciation of Vida Amaadi Yeboah (help·info) wɔ afe apem ahankron aduanan nan, kɔ si afe mpem mmienu ne aha nsia na ɔyɛ ɔnkanee Ghana ɔkyerɛkyerɛni amanyɔnii ne ɔman ɛkandifoɔ.
Na ɔyɛ ɔsoafoɛ abɛdiɛakyire a ɔhwɛ nwoma ne ammamerɛ nsem so firi afe apem ahankron aduowɔtwɛ nnwɔtwe kɔsi afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa. Yeboah boa ma yete FORUM FOR AFRICAN WOMEN EDUCATIONALIST (FAWE) wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu. Na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii a yɛ yi no wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu. Yeboah bɛ yɛ ɔmanpanin Jerry Rawlings amanmuo mu nipa baako, na ɔsom sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nsrahwɛ bea so. Ɛfiri afe apem ahankron aduokron nson kɔ si afe mpem mmienu.
Vida Amaadi Yeboah | |
---|---|
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Akwapim South | |
Bere 7 January 1997 – 6 January 2001 | |
Odikanfo | John Jerry Rawlings |
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Akwapim South | |
Bere 7 January 1993 – 6 January 1997 | |
Ɔmanpanyin | John Jerry Rawlings |
Ne ho asɛm | |
Awo bere | Akwapim South, Eastern Region Ghana) | 27 July 1944
Owu bere | 27 August 2006 | (aged 62)
Ne man | Ghana |
Amanyɔkuo | National Democratic Congress |
Sukuu a w'akɔ | University of Ghana |
N'adwuma | Politician |
N'adwuma | Teacher, Civic Leader |
Ye wo Yeboah wɔ Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu nson, afe apem ahankron aduanan nan ɛwɔ ne maame kuro mu wɔ Apue mantam.a Na ɔyɛ Kate Oye Ntow Ofosu ne Eric Perigrino Nelson ba baa. Ɔsua adeɛ wɔ Wesley Girl's Senior High School ansana ɔtoa so akɔ sua French kasa no nso wɔ University Of Ghana suapɔn mu. Ɔtoa so kɔ sua French kasa no kɔ nanim kɔ nyaa abɔdin ntoasoɔ wɔ University Of Borbeaux asuapɔn wɔ France mman mu, ne Postgraduate Diploma abasobɔdin wɔ asesua mu firi University Of Cape Coast suapɔn mu. Ɔkyerɛɛ adeɛ mfie du nan wɔ mmaa sukuu mu wɔ Ghana man mu, ɔbeyɛɛ Tidifoɔ di maa Mefantsiman Girl's Secondary School asana yɛ yii no sɛ Adesua Twerɛtwerɛfoɔ abadiekyire wɔ afe apem ahankron aduowctwe num. Ɔfiri afe apem ahankron aduowɔtwɛ nnwɔtwɛ kɔsi afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa mu no Vida Yeboah na na ɔyɛ Adesua ne Amammerɛ mu Ɔsuafoɔ Abɛdiekyire. Yeboah tra mfitiasie Suapɔn sukuu kɔ nhyehyeɛ, Ɔmaa mmaayewa sukuu kɔ kɔɔ soro. Wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu mu no ɔboa ma yɛ te Forum For African Educationalist ne Asuafoɔ Africa mmaa nan wɔ Adesua mu mmoa: Fay Chung wɔ Zimbabwe, Simone Testa wɔ Seychelles, Paulette Moussavon - Missambo wɔ Gabon, ne Alice Tiandrebengo wɔ Bukina Faso.
Yɛ to Vida so aba maa no kɔ gyinaa Akwuapem Anaafoɔ mansinimu anan mu ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson, afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa, wɔ brɛ a yɛbɔ no nkunim wɔ afe apem ahankon aduokron mmienu Ghana mmarahyɛbedwa abatoɔ ɛkɔ so wɔ Ɔpɛpɔn bosme da a ɛto so aduonu nkron, afe apem ahankron aduokron mmienu no mu. Yɛ sane nso yii no kɔɔ mmarahyɛbedwam a ɛtɔ so mmienu wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu wɔ abrɛ a ɔnyaa ɔha mu nkyekyemu aduanan nwɔtwe firi mma no nyinaa mu wɔ afe apem ahankron aduokron nsia abatoɔ no mu. Yɛ yii no wɔ afe apem ahankron aduokron nson sɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nsrahwɛ bea so a ɔyɛɛ adwuma kɔsii afe mpem mmienu ne baako, a ɔyɛɛ Ɔsoafoɔ adwuma yɔ mmarahyɛbedwam adwuma no wɔ nkyene.
Yɛ kaeɔ Vida Yeboah sɛ onipa baako a ɔboa maa ɔtee FORUM FOR AFRICAN WOMAN EDUCATIONALIST (FAWE) wɔ Ghana man mu.
This article uses material from the Wikipedia Twi article Vida Amaadi Yeboah, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.