Sasabrɔ yɛ tebea bi a ɛde koankorɔ, ne titire yaw bi a ɛba wo dwonku.Sasabrɔ nkyerɛ baabi pɔtee a ɛnkɔ yie, na mmom ɛfa tebea ahodoɔ bɛyɛ ahanu a ɛbi ne arthritis ne non-articular rheumatism a wɔsane frɛ no regional pain syndrome anaasɛ soft tissue rheumatism.
Soft tissue disorder ne sasabrɔ wɔ nnoɔma bi a ɛsɛ. Ɛtɔ mmerɛ bi a wɔde "Soft tissue rheumatic disorder" kyerɛ saa tebea yi mu. Wɔde edin "Sasabrɔ" di dwuma wɔ MeSH mu de kyerɛ "connective tissue disorder " Nkorabata a wayi asi hɔ de nhwehwɛmu ne sasabrɔ ayerasa ne "rheumatology".
Sasabrɔ a ɛyɛ koankorɔ, yaw pii(bi te sɛ wo dwonku, wo kɔn anaa wakyi) pii noa deɛ ɛdeba yɛ yareɛ a yɛde san. Wɔ 20th century mu na yɛhunuu sɛ wɔn etiology no nni hɔ na ɛnyɛ adeɛ yɛtumi sa. Postinfectious arthritis a yɛsane frɛ no reactive arthritis ne sasabrɔ atiridii yɛ nhwɛsoɔ. Wɔ United States, wakyekyɛ sasabrɔ a ɛnkɔ yie mu du a ɛgyina nomenclature ne nkyekyɛmu a American college of Rheumatology (ACR) kaeɛ wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmiɛnsa mu.
Mmogya ne dwonsɔ bɛma yɛahunu baabi a creatinine ne uric acid no aduro na ama yɛahunu sɛ sawa no yɛ adwuma,sɛ ESR no ne CRP no bɛtumi ayɛ yie a. Sɛ wɔma no fa aduane a wahyɛ no sɛ wɔmfa no wie a, dwonsɔ foforɔ bɛma wahunu sɛ nnipadua no ma uric acid bebree anaasɛ nnipadua no mma uric acid. Rheumatoid agyinaeɛ bɛtumi ayɛ adwuma, ne titire wɔ ekuo bi a ɛbɛtumi de rheumatoloid arthritis aba. Wɔde paneɛ twe nsuo firi dwonku de hwɛ sɛ nsuo bi abobɔ wɔ hɔ a. Uric acid crystal a ɛwɔ nsuo no mu kyerɛ gout. Mpempii no wɔnnyɛ nhwehwɛmu biara, na nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔyi tebea foforɔ firi hɔ ansana wanya nhwehwɛmu papa.
Ayaresa a wɔde sasabrɔ nyarewa pii no ara yɛ analgesic bi te sɛ paracetamol ne non-steroidal anti-inflammatory drugs (NSAIDs). Steroids, ne titire glucocorticoids ne analgesic a ano yɛ den na wɔde ma wɔn a wɔyareɛ no ano yɛ den.
Edin Sasabrɔ firi late Latin rheumatismud, a ɛfiri Greekῥευματίζομαι a ɛkyerɛ sɛ "worebɔ afiri flux ho", a rheum no kyerɛ honam nsuo,sɛ mmogya and nsuo firi nnipadua no mu pii a. Ansana 17th century bɛba no, dwonku yaw a na wɔsusu sɛ viscuous humors na ɛde ba a ɛwuraa dwonku no mu a wɔfrɛ no gout, edin a wɔfa firii Middle English firi tete French kasa yiye mu"ko;gout, Sasabrɔ", na ɛnyɛ wonworam wɔ w'ani so fa ɛnɛ din a wɔde frɛ uric acid a ɛdɔɔso no. Borɔfo din a wɔde maa Sasabrɔ no wɔde dii dwuma kɔpem 17th century, a na wɔgyedi sɛ dwonku a ayɛ koankorɔ no nea ɛde ba yɛ rheum a ɛdɔɔso a ɛkyerɛ sɛ nnipadua no nsuo kɔ dwonku no mu.
This article uses material from the Wikipedia Twi article Sasabrɔ, which is released under the Creative Commons Attribution-ShareAlike 3.0 license ("CC BY-SA 3.0"); additional terms may apply (view authors). Nsɛm a ɛwɔ ha yi bo nnu CC BY-SA 4.0 gye sɛ wɔkyerɛ sɛ bo no yɛ foforo. Images, videos and audio are available under their respective licenses.
®Wikipedia is a registered trademark of the Wiki Foundation, Inc. Wiki Twi (DUHOCTRUNGQUOC.VN) is an independent company and has no affiliation with Wiki Foundation.