R. S. Amegashie

Raphael Sylvanus Amegashie, yɛ Ghana nii a wɔwoo no wɔ Ahinime bosome da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ afe apem aha nkron aduonu nson mu, na ɔyɛ adwumayɛnii a ɔwɔ ɔnoankasa na dwuma, na ɔsan nso yɛ nkontabufoɔ ne ɔmanyɔnii.

Owui wɔ mfeɛ mpem ne du mmiɛnsa mu.Ɔyɛɛ adwuma sɛ Aban nanmusini ma adwadiekuo ne Ɔman nnwuma Twerɛtwerɛfoɔ. Ɔsane yɛɛ Aban nanmusini maa nsaase ne abɔdeɛ nnoɔma a abɛyɛ asoeɛ a ɛhwɛ nsaase ne abɔdeɛ nnoɔma so. Na ɔka Ɔman Fahodie Fotufoɔ a ɛnam asraafoɔ abantuguo so baa aban mu ho wɔ Ɔbenem bosome da a ɛtɔ so aduonu-nan, afe apem ahankron aduosia-nsia mu. Afei nso, ɔsomm sɛ Ɔman agyapadeɛ nhyɛananmu adwumakuo atitenafoɔ no mu baako wɔ ne mfitiaseɛ.

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Sukuu

Wɔwoo Raphael Sylvanus Amegashie wɔ Keta Anwonaman mu Ghana wɔ Ahenimi bosome da a ɛtɔ so Aduonunan wɔ afe apem ahankron aduonunson. Ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Achimota nna ɔtoaso kɔɔ University of Durham wɔ Abrokyiman mu England.

Adwumasɛm ne Amanyɔsɛm

Amegashie yɛ nkontabufoɔ. W'asom adwumakuo bebree. Ɔyɛɛ adwuma sɛ nkontaabufoɔ maa Gold Coast machinery ne trading company limited. Ɛfiri afe apem aha-nkron aduonum num (1955) de kɔ si afe aha-nkron aduonu nkron (1959), na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛnii panin wɔ Kumasi college of technology a seisei yɛ ferɛ no Kwame Nkrumah University of Science and Technology, ɔkyerɛɛ nkotaabuo ne 'subjects' afoforɔ nso, akyirei, ɔbɛyɛɛ Panin wɔ college of Administration firi afe apem aha-nkron aduosia (1960) de kɔ si afe apem aha-nkron aduosia mmienu (1962). Amegashie som sɛ oti tena nii ma Capital investment board ne negotiating committee of the State enterprises secretariat. Afei nso na ɔyɛ director ma former School of Administration a seisei ɛyɛ University of Ghana Business School of the University of Ghana and president of the Institute of Chattered Accountants Ghana. Afei nso ɔyɛ founder of the Ghana Institute of Chartered Accountants.

Coup no twaa mu wɔ Ɔgyefoɔ 1966 no, na Amegashie yɛ a member of the economic committee of the ruling National Liberation Council.

Ɔnoankasa N'abrabɔ

Amegashie wareɛ a na ɔwɔ mma num..

Literature

Amegashie nnwoma ahodoɔ a w'atwerɛ no bi ne:

  1. "The contract function in Management"
  2. "The Management Process"
  3. "In Defense of Business Enterprise"
  4. "Africa's Socialist Development"
  5. "Reflection of Productivity Drive in Ghana"

Ne wuo ne N'agyadeɛ

Amegashie wui wɔ Johannesburg asɔpiti bi a ɛwɔ South Africa Obubuo 2013. Owuiɛ no na w'adi mfeɛ aduowɔtwe nsia (86). Ɛnam ne mmɔdenmɔ nti ɔde R. S. Amegashie auditorium a ɛwɔ University of Ghana Business School too no.

Beaɛ a me nyaa moa firiiɛ

Tags:

R. S. Amegashie Abrabɔ Ahyaseɛ ne SukuuR. S. Amegashie Adwumasɛm ne AmanyɔsɛmR. S. Amegashie Ɔnoankasa NabrabɔR. S. Amegashie LiteratureR. S. Amegashie Ne wuo ne NagyadeɛR. S. Amegashie Beaɛ a me nyaa moa firiiɛR. S. Amegashie

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Ablekuma South (Ghana mmarahyɛbedwam mpɛsoa)KokoramRussiaUniversity of CambridgeTiranaAdwoaAnwanwadeɛKizombaGideon MensahƆman Nhomasua, Akwahosan ne Adwumayɛfo a Wɔka Ho Kuw (National Education, Health and Allied Workers' Union)Nhomasua a ɛwɔ AfrikaLeicesterKwasiAdwumayɛfo kuw (Trade union)Kwadwo SafoNana Kofi ObonyaaUniversity of OxfordItalianNew Patriotic PartyNkoranza South (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)KyivZabid na ɔkyerɛweeCardiffkwasiadaNew YorkMmarahyɛbadwafieKwesi Amoako AttaFukuokaBakuKimbapTipayɛNgyiresiCanadaKristosomUgandaAlgeriaBa RiaAsunafo North (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)MaltaNapoléon BonaparteMemenedaSan FioranoƆpɛpɔnPalanaRomaCastro (ndwomtoni)SlovakiaƆgyefuoAhenkuroBrest (France)NyinsɛnEwiaKratafa TitiriwLeila DjansiHungaryAzadirachta indicaCristiano RonaldoMpenatweɛPiis KasafidieMinsk🡆 More