Progressive People's Party

Progressive People's Party (PPP) yɛ amanyɔkuo a ɛwɔ Ghana ha.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Paa Kwasi Nduom na ɔtee amanyɔkuo yi wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu. Ɔno ara nso na ne ɔyɛ frankaatuni de ma amanyɔkuo Convention People's party wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe wɔ Ghanafoɔ nyinaa abatoɔ mu. PPP nyaa mma no mpem aduosia nan, ahanu ne aduosia - nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu abatoɔ no mu bere a na Papa Kwesi Nduom na ɔyɛ frankaatuni de ma amanyɔkuo no ɛna Brigitte Dzogbenuku yɛ nabadiekyire , yei maa amanyɔkuo no bɛtɔɔ so mmiɛnsa sɛ woyi amanyɔkuo akɛaseɛ mmienu bi firi hɔ a wɔ Ghana ha.

Progressive People's Party
PresidentPaa Kwesi Nduom
FarebaePaa Kwesi Nduom
Bre a wɔde sii hɔƆpɛpɔn, 2012
AsoɛeCape CoastKumasiSunyaniSekondi-Takoradi
IdeologyProgressivism
Liberalism\
Social liberalism
Continental affiliationAfrica Liberal Network
International affiliationLiberal International (Observer)
KɔaLust and White
   
FeneAwake
Mmrahyɛbadwafie
0 / 275
Abatoɔ ahyɛnsodeɛ
Lust Sun on a white background
Website
The ProgressivePeople'sParty.org


Amanyɔkuo yi ti tenabea wɔ Asylum Down a ɛwɔ Nkran. Amanyɔkuo yi 'motto' ne 'Yiedie wɔ Asomdwoeɛ mu' a 'Sɔre gyina' nso yɛ wɔn 'slogan '.

Abakwasɛm

Amanyɔkuo yi teɛ no baeɛ berɛ a Nduom de bɛtoo dwa wɔ Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so aduonu nwɔtwe wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- baako mu sɛ nnipa a wɔpɛ nkankɔ ne mpuntuo nka wɔn ho mmom na wɔte amanyɔkuo.

Amanyɔkuo no mpanimfoɔ hyɛaseɛ bɔɔ ntoa wɔ Ghana afanaa nyinaa de pɛɛ nnipa sɛ wɔ mmɛyɛ Mantam mu akandifoɔ.

Ɛwɔ Ɔpɛpɔn bosome wɔ Mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu mu no, amanyɔkuo yi de krataa kɔɔ Abatoɔ Kɔmisan hɔ sɛ wɔpɛ sɛ wɔ 'regista' amanyɔkuo no wɔ amanyɔkuo Mmra kwan so.

Amanyɔkuo yi nsa kaa mprenpren krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔa 'regista' wɔ Efiada Ɔgyefoɔ bosome da ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu mu. Amanyɔkuo yi yɛɛ ne Nhyiamudie kɛseɛ deɛ ɛdikan wɔ Ɔgyefoɔ bosome da ɛtɔ so aduonu- num wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu a, ɛkɔɔ so wɔ Nkran Agoprama so (Accra Sports Stadium). Tumi krataa ɛtwa toɔ koraa no amanyɔkuo yi nyaa no wɔ Ɔbɛnim da ɛtɔ so du-num wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du - mmienu no ara mu.

Deɛ Amanyɔkuo no reka/ Kyerɛ

PPP amanyɔkuo no repɛ amammuo tumi de nsesaeɛ aba sɛdeɛ wɔyi Ahwɛfoɔ, Nwomasua, Apɔmuden ne Nnwuma ho. PPP wɔ nhyehyɛeɛ sɛ wɔde nnipa nyinaa , mmaa ne mmabunu nyinaa bɛka nhyehyɛeɛ ɔbɛyɛ no ho. Deɛ ɛhia baako nso ne sɛ PPP se ɔmma porɔeɛ mma nakadifoɔ mu.

Amanyɔkuo no Akandie

Amanyɔkuo no yii nnipa mmiɛnsa mu biara mmienu sɛ akandiefoɔ wɔ Ghana Mansini biara mu ne Mantam nso. Wɔn a wɔdi amanyɔkuo no anim wɔ ɔman mu no nyinaa mu ne Nii Allotey Brew Hammond, ɔtitenani, William Doworkpor, ɔtitenani abadiekyire ɔdikan; Ban Saliah, ɔtitenani abadiekyire a ɔtɔ so mmienu , Belinda Bulley, ɔtitenani abadiekyire a ɔtɔ so mmiɛnsa , Murtala Ahmed Mohammad, twerɛtwerɛfoɔ ; Felix William Ogwah, foto sanfoɔ, Nana Ofori Owusu, deɛ ɔhwɛ dwumadie so; Vivian Tetteh, Mmaa Dɔm frɛ foɔ; Divine Nkrumah, Mmabunu kandifoɔ, Kofi Asamoah Siaw, dwumadie fotufoɔ; Deroy Kwesi Andrew, Deɛ ɔda nhwehwɛmu ano ; Richard Nii Amarh ne Paa Kow Ackon, Deɛ ɔhwɛ nkitahodie so.

Abatoɔ Nsunsansoɔ

Mmrahyɛbadwa Abatoɔ Nsunsansoɔ

Election Number of PPP votes Share of votes Seats +/- Position Outcome of election
2020 24,334 0.18% 0 5th Not represented in parliament
2016 186,741 1.73% 0 3rd Not represented in parliament
2012 33,857 0.31% 0 3rd Not represented in parliament

Ɔmanpanin Abatoɔ Nsunsansoɔ

Election Candidate Number of votes Share of votes Outcome of election
2020 Brigitte Dzogbenuku 6,849 0.05% 9th of 12
2016 Paa Kwesi Nduom 106,092 0.99% 3rd of 7
2012 Paa Kwesi Nduom 64,362 0.59% 3rd of 8

Beaɛ menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Progressive People's Party AbakwasɛmProgressive People's Party Deɛ Amanyɔkuo no reka KyerɛProgressive People's Party Amanyɔkuo no AkandieProgressive People's Party Abatoɔ NsunsansoɔProgressive People's Party Beaɛ menyaa mmoa firiiɛProgressive People's PartyConvention People's Party

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

OwuoKofi BaakoNnwomGeorgina Nkrumah AboahAlex KyeremehWole SoyinkaWarsawAlexander Roosevelt HottordzeStockholmMarcel DesaillyIgnatius Kutu AcheampongGhana kasa ahodoɔEnglishAmaSalvadorHustenMagnus Opare-AsamoahFinlandRabat1996 Ghana AbatoɔƆsannaaNgyiresiMokowa Blay Adu-GyamfiAkobenJulius CaesarDeloris Frimpong MansoSpainHambɔgKyandigaPatnaAbed-nego BandimKwakuƆbɛnemAdanYesu KristoKɔsensaSlovakiaKwenkwenAdwumayɛfo kuw (Trade union)PhoenixAbantuguo (Coup d'état)Asebu AmanfiSaint-ÉtienneAbusuaKwame Anyimadu-AntwiNana Amba Eyiaba IEnglandŁobezCristiano RonaldoAsaasepɔnKharkivYafunu yareɛLibyaKropyvnytskyiBenadaKalugaSophia AkuffoBlue Nile Asubɔnten a Ɛwɔ HɔUnited Renaissance PartyAtɛnmufoLiberiaSamarra na ɔkyerɛweeSekune-TakoradeIndianapolisAdwoaSan Diego🡆 More