Okomfo Anokye

Okomfo Anokye ( a ɔsan de Kwame Agyei anaa Kotowbere) no, na ɔyɛ Okomfoɔ wɔ Asanteman mu, Ghana.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Obiaa nim sɛ Asanteman kɛseyɛ a ɛyɛeɛ no, na odimu akotene paa yie.

Okomfo Anokye
Okomfo Anokye afena no sibea, a ɛyɛ beaɛ a wɔhyɛɛ Asanteman ase wɔ Kumase afe 1701, sɛdeɛ nananom kyerɛ no.

N'akyi

Nsɛm bebree na waka afa Okomfo Anokye nkyi ho. Ɛwɔ Akuapem amamerɛ mu no, na ɔyɛ Ano ne Manubea ba bɛrema, a na wɔn nyinaa firi Awukugua wɔ Nifa mpɔtamu wɔ Okyere kurom. Ne din no, ɔyi firii asɛm bi mu. Wɔka sɛ wɔwoo Okomfo Anokye wɔ Awukugua no, na ɔkura nantwie podua fitaa; a na ɔde nensa kura mu den, ɛno nti na obiara ntumi mie nensa no mu. Ɔbaa a ɔgyee ɔmaame awoɔ no yɛɛ sɛ nka ɔbɛ bie Anokye nsam efiri sɛ na ɔdwene sɛ biribi wɔ mu. Ɔfrɛɛ ɔpapa sɛ ɔmmɛboa....... Okomfo Anokye bue n'ani na ɔhwɛɛ ɔpapa. Ntɛm ara ɔbue nensɛm kyerɛɛ ɔpapa na ɔkaa sɛ 'Ano.....kye. Wɔ Guan kasamuɔ no "Ano" kyerɛ "hwɛ". Afei ɔde deɛ ɛkura no no maa ɔpapa. Abakɔsɛm ka sɛ na ɛyɛ kawa a tumii wɔ mu. Ɛwɔ saa asɛm wei ho nti no kwame Agyei nyaa ne din "Anokye".

Amos Anti,'Akwamu Denkyira, Akuapem ne Asante wɔ Osei Tutu ne ɔkomfo Anokye' abrabɔ mu wɔ (afe apem aha-nkron aduoson baako) 1971mu no. Otumfoɔ Nana Osei Tutu 2nd ɛhunu asɛm no mu nokware wɔ ɛberɛ a ɔkɔɔ Awukugua wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan mu. Wɔ Asante amamerɛ mu no, na ɔyɛ bɛrema bi a ne din de Amoa Gyata a ɔfiri Bona- Bom, Adanse- nana bɛrema. Nsɛm bi nso kyerɛ mu sɛ na ɔyɛ kyei Birie ne Dwirawira-kwa, a na ɔyɛ Asenie nii baa a na ɔfiri Akrokyere ba bɛrema.

Ɛwɔ Anlo-Anwona amamerɛ mu no, na Okomfo Anokye firi Notsie. Na ne din de Tsala, a na Ɔyɛ Tsali ata. Ne din no firi Asante din "Notsie" a ɛkyerɛ " Okomfo a ɔfiri Notsie, ntumi ne Asantefoɔ edin ahodoɔ mfa. Asante din ahodoɔ a ɛkyereɛ obi nkyi no ne "A" mfa nkɔsi ne nkyi ahyaseɛ. Nanso Asante din mu no "ni","ba", "ni ba" anaa "dehye3" 3na 3twa toɔ wɔ nankyi. Ɛkyerɛ sɛ ɛwɔ Asante mu no obi a ɔfiri Notsie no yɛ bɛferɛ no "Notsie-ni" ( ɔfiri Notsie). "Notsie-ba", "Notsie-ni ba ", anaa "Notsie dehye3" nanso yɛnka "A Notsie". Yɛnferɛ obi a ɔfiri Nsuta sɛ "A-Nsuta" wɔ Asante mu .

Tags:

Gaana

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Ambrose DeryBhumibol AdulyadejKasaIranVaccineSergio MattarellaShatta WaleGyakataƐdwoadaKölner DomLibiaFirenzeUnited Gold Coast ConventionSilvio BerlusconiAmamerɛNana Akufo-AddoObubuoSyriaEhyiaEstoniaLingua Franca NovaPiacenzaNomBeyoncéMemunatu SulemanaIsaac Kwame AsiamahAl GoreNew YorkIndianapolisKachikally dɛnkyɛm ɔtareAmaCobina KessieAyɛwohummumɔMildred Christina Akosiwor FugarƐlɛktrisitiHal LeonardFrankfurt am MainAsraafoJoe ReindorfKwame Nkrumah University of Science and TechnologyAkaraƆbosomePakistanEnglishGhana AkannifoRouenCristiano RonaldoBristolJoseph Cudjoe (politician)Mohammed Hardi TufeiruSpainAwo ano a wosiwMumbaiMarleen HutchfulMünchenLatvia🡆 More