Ghana Mmrahyɛbadwam Mpɛsoa Krachi West

Krachi West(pronunciation ofKrachi West) (help·info) Krachi Atoeɛ yɛ mpɛsoa a ɛwɔ Ghana mmarahyɛbadwam no mu baako.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛde "first past the post" abatoɔ nhyehyɛeɛ na ɛyii mmarahyɛbadwani baako. Krachi Atoeɛ (West) mpɛsoa no wɔ Krachi mansini (District) a ɛwɔ Oti mantam (Oti Region) mu wɔ Ghana. Amanyɔkuo a ɛte so siesie ne kyiniiɛ amanyɔkuo ( NDC ) National Democratic Congress a Helen Ntoso ne wɔn mmarahyɛbadwani.

Ahyeɛ

Mpɛsoa no wɔ Krachi Atɔeɛfam mansini a ɛwɔ Fraw Mantam mu (Volta Region) wɔ Ghana. Ɛtwa Krachi Atɔeɛfam mansini foforo ne ho nyinaa ahyia. Ne Apueeɛfam ne Krachi Apueeɛ mpɛsoa a ɛwɔ Krachi Apueeɛ mansini mu. Ɛne Nkwanta Anaafoɔ nso wɔ ahyeɛ tiatia a ɛkɔ Atifi Apueeɛ. Ne Atɔeɛ kurow a ɛbɛn no ne Sene mansini a ɛwɔ Bono ne Ahafo mantam mu (Brong Ahafo Region of Ghana). Ne Atififam kurow a ɛbɛn no ne Apueɛ Gonja mantam (East Gonja) a ɛwɔ Atifi mantam (Northern Region) mu.

Abakɔsɛm

Wɔsesaa mpɛsoa no ahyeɛ ansa Ghanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan bere a wɔkyekyɛɛ Krachi mpɛsoa no mu nyaa Krachi Atɔeɛfam ne Krachi Apueeɛfam mpɛsoa no ɛnam Krachi Apueeɛfam mansini foforo a na wɔrete ɛfiri Krachi mansini no mu.

Mmarahyɛbadwafoɔ

Abatoɔ Nnipa Amanyɔkuo
Afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) Mpɛsoa a yɛfrɛ no Krachi
Afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Sampson Kwadwo Apraku Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC )
Mfeɛ mpem mmienu (2000) Francis Yaw Osei Sarfo Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Mpɛsoa a yɛnya firii Krachi mu a ɛyɛ Krachi atɔeɛfam mpɛsoa
Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Francis Yaw Osei Sarfo Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) Helen Adjoa Ntoso Kyiniiɛ Amanyɔkuo

( NDC )

Abatoɔ

Mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ:Krachi West Beaeɛ a efiri:Electoral Commission of Ghana
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Francis Yaw Osei Sarfo Mpem aduonum ahansia ne aduowɔtwe nson (15,687) Aduanan nan ne akyirepɔ nkron (44.9)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Kofi Mensah Demitia Mpem nwɔtwe ahanwɔtwe ne aduosia baako (8,861) Aduonu num ne akyirepɔ nan (25.4)
People's National Convention

(PNC)

Kofi Tarkum Mpem nwɔtwe ne aduonum nsia (8,056) Aduonu mmiɛnsa (23)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara

(Independent)

Alhajii Abu Safianu Baba Apem Baako ahanson ne aduoson mmiɛnsa (1,773) Num ne akyirepɔ baako (5.1)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara

(Independent)

Sampson Kwadwo Apraku Independent Ahanan ne aduonum nan (454) Baako ne akyirepɔ mmiɛnsa (1.3)
Nea wannyina amma amanyɔkuo biara

(Independent)

Owusu Kwasi Michael Ɔha ne aduonu baako (121) Ohunu ne akyirepɔ mmiɛnsa (0.3)
Mma Dodoɔ Mpem nsia ahanwɔtwe ne aduonu nsia (6,826) Dunkron ne akyirepɔ num (19.5)
Deɛ ɛkɔ baeɛ Mpem aduonu baako ahanu ne aduonu mmienu (21,222) Aduowɔtwe nson ne akyirepɔ mmienu (87.2)
Mfeɛ mpem mmienu (2000) Gaanafoɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ:Krachi Beaeɛ a efiri:Adam Carr's Election Archives
Amanyɔkuo Dibeaperefoɔ Mma Ɔha nkyekyɛmu
Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) Francis Yaw Osei Sarfo Mpem aduasa mmienu ahasa ne aduosia nwɔtwe (32,368) Aduoson mmienu ne akyirepɔ nsia (72.6)
Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) Kofi Mensah Demitia Mpem nson ahanwɔtwe ne aduoson nkron (7,879) Dunson ne akyirepɔ nson (17.7)
National Reform Party (NRP) Frank Kwadwo Gyefour Mpem nan ahasa ne aduasa nwɔtwe (4,338) Nkron ne akyirepɔ nson (9.7)
Mma dodoɔ Mpem aduonu nan ahanan ne aduowɔtwe nkron (24,489) Aduonum nan ne akyirepɔ nkron (54.9)

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Ghana Mmrahyɛbadwam Mpɛsoa Krachi West AhyeɛGhana Mmrahyɛbadwam Mpɛsoa Krachi West AbakɔsɛmGhana Mmrahyɛbadwam Mpɛsoa Krachi West MmarahyɛbadwafoɔGhana Mmrahyɛbadwam Mpɛsoa Krachi West AbatoɔGhana Mmrahyɛbadwam Mpɛsoa Krachi West Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛGhana Mmrahyɛbadwam Mpɛsoa Krachi WestAbout this soundFile:Tw-Krachi West.oggGaanaTw-Krachi West.ogg

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Hilla LimannObubuoAminiaKrεmaNew YorkRussiaElizabeth Afoley QuayeTampereJoe DonkorFrancis BadgieKwadwo SafoNkran Mantam muSofiaYesu KristoAkwasi Opong-FosuGhanaNhwerenAhomatrofoɔGyeografiEfua AsibonSavannah RegionMoscowAhinimeMarrakechGiorgio NapolitanoSlovakiaChennaiDüsseldorfTiranaKojo AntwiBleona QeretiAsante KasaAmanyɔniMoskowAmerikaJoseph W.S. de Graft-JohnsonFrancis Asenso-BoakyeƐbenadaDJ ZelPakistanCubaKojo ThompsonMichael JacksonSampson Adu-GyamfiAfahyɛKofi BaakoFrancisca Ashietey OduntonQin Shi HuangCataniaBurundiAduaneWeija (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)KyivVeronaTu FuProvidence, Rhode IslandKyotoEstoniaJerry John RawlingsEssenNana Ama Dokua Asiamah-AdjeiOttawaNational Democratic Congress (NDC)PerpignanMildred Christina Akosiwor FugarSyria🡆 More