Edward Akufo-Addo: Ghana mmranimni

Edward Akufo-Addo (wɔ woo no June da ɛtɔ so 26 afe, 1906- owui wɔ july da ɛtɔ so 17, afe 1979) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmaranimfo.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Na ɔka kuo a ɛmufo yɛ nsia a w’ato din ‘’Big Six|” a wɔyɛ akandifo ma amnyɔkuo a ene United Gold Coast Conventions (UGCC) Ghana hyehyɔfo no mu baako a wɔperee maa Ghana nyaa fahodie. ɔbɛyɛɛ Ghana mmaranimfo Panyin (firi afe 1966 – 1970) na akyire, sɛ Manpanyin (afe 1970 – 1972) wɔ Ghana. Ne ba ne Ghana manpanyin Nana Addo Akufo- Addo.

Edward Akufo-Addo
2nd President of Ghana
(5th Head of State of Ghana)
(Second Republic)
Bere
31 August 1970 – 13 January 1972
Prime MinisterKofi Busia (1969–1972)
OdikanfoNii Amaa Ollennu
AnanmusiniGen. I. K. Acheampong
3rd Chief Justice of Ghana
(15th including Gold Coast)
Bere
1966–1970
OdikanfoJ. Sarkodee-Addo
AnanmusiniEdmund A. L. Bannerman
 Justice of the Supreme Court of Ghana
Bere
1962–1964
ƆmanpanyinKwame Nkrumah
Ne ho asɛm
Awo bere(1906-06-26)26 June 1906
Dodowa, Gold Coast
Owu bere17 July 1979(1979-07-17) (aged 73)
Accra, Ghana
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNon-partisan
NehokaniAdeline Y. Akufo-Addo (née Nana Yeboakua Ofori-Atta) (d. 2004)
Mma4, including Nana Akufo-Addo
AdesuaPresbyterian College of Education, Akropong
Achimota School
St Peter's College, Oxford
Middle Temple
N'adwuma
  • Judge
  • Lawyer
ReligionPresbyterian
  • Ceremonial President with executive powers vested in Prime Minister

Ne mmofrase ne Nhomasua

Wɔ woo Akuffo-Addo wɔ June da ɛtɔ so 26, afe 1906 wɔ Dodowa a ɛwɔ Nkran Mantam no mu a n’awofo ne William Martin Addo-danquah ne Theodora Amuafi. N’awofo no mienu nyinaa firi Ghana Apuei fam a ɛne Akropong. ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Presbyterian Primary and Middle Schools wɔ Akropong. Wɔ afe 1929 mu no, ɔkɔɔ Achimota College beae a onyaa nwomanimfo abasobɔ de kɔɔ St. Pters College, Oxford; okosuaa nkontabuo, amanyɔsɛm ne ne Nyansapɛ. Owie sukuu no ma no nyaa abodin krtaa wɔ Nyansapɛ ne Amanyɔsɛm mu wɔ afe 1933.

Ansa na amanyɔsɛm

Wɔfrɛɛ Akuffo-Addo kaa abrokyire mmaranimfo kuo a ɛne Middle Temple Bar, a ɛwɔ London, Uk no wɔ afe 1940 mu na ɔsan n’akyi baa Ghana a kane wɔfrɛ no Gold Cost no bɛyɛɛ ankorɛankorɛ mmaranim adwuma wo Nkran

Amanyɔsɛm ahease

Wɔ afe 1947 mu no, ɔbekaa amanyɔkuo United Gold Coast Conventions (UGCC) hyehyɛfo ho ne kuo a wɔfrɛ no ‘’Big six’’ (Afoforo ne Ebenezer Ako-Adjei, Joeseph Boakye Dankwa, Kwame Nkrumah, Emmanuel Obetsebi Lamptey ne William Ofori-Atta) no mu baako a wode no too afiase wɔ Nkran basabasaye a ɛkoɔɔ so wɔ afe 1948 no akyi.

Fahodie akyi

Ghana nyaa fahode akyi no (1962 - 64) , Akuffo-Addo yɛɛ otemmufo wɔ asɛndibea kunini atɛnmmufo miɛnsa no mu baako a wɔtena awudisɛm a ɛfa Tawia Adamafio, Ako Adjei ne afoforo miɛnsa asɛm so, na asɛm no fa Kulungugu Topae a ɛtoe a ank wɔde bekum manpanyin Kwame Nkruma, na eyi ma woyii ɔne attɛmufo miensa adi esiane sɛ wɔkae sɛ nnipa a wɔde kwaadu bɔɔ won no mu  bi yɛ nea wɔnni fɔ.

Firi afe 1966 kosi 1970 mu no, National Liberation Council (NLC) aban no wɔpaw no sɛ atɛmmufo panyin na afei nso, sɛ titenani ma kuo a ɛhwɛ ma wɔ kyerɛw ɔmanmmra (nea wɔkyerɛw Kwasafoman amanmmra no). ɔsan nso yɛɛ titenani maa NLC amanyɔkuo no wɔ saa bre no ara mu.

Firi August da a ɛtɔ 31 afe 1970 kosii sɛ wotuu n’aban gui wɔ January da a ɛtɔ 13, afe 1972 mu no, na Akuffo-Addo yɛ manpanyin wɔ Ghana wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so mienu. Dr. Kofi Abrefa Busia nan a okura tumi no ankasaa. Wɔ July da ɛtɔ so 17, afe 1979 mu no, Akuffo – Addo wui.

Abasobɔ

  • Honorary Doctorate from the University of Oxford in 1971.

See also

Nkekaho

Tags:

Edward Akufo-Addo Ne mmofrase ne NhomasuaEdward Akufo-Addo Ansa na amanyɔsɛmEdward Akufo-Addo Amanyɔsɛm aheaseEdward Akufo-Addo Fahodie akyiEdward Akufo-Addo AbasobɔEdward Akufo-Addo NkekahoEdward Akufo-AddoGhana

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

KwadwoGossypium ArboreumMilanoUkraineAustriaKwahuBarbara Oteng GyasiApuei Mantam (Ghana)Ibrahim Murtala MuhammedAlgeriaHuang XianfanSlovakiaWiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )Charles Bintin BiniponBaskin-RobbinsMohammed Adamu RamadanNnwomAlbania🡆 More