Amanyɔ Kuo

Amanyɔkuo yɛ ɛkuo bi a wɔde nnipa gyina abatoɔ akansie mu sɛ wɔmpɛ dibea bi.

Yɛtaa hu sɛ amanyɔkuo mma yi nyinaa wɔ tirimupɔ baako wɔ Amanyɔsɛm ho ɛna wɔtaa di tirimupɔ pɔtee bi anaa botaeɛ bi akyi.

Amanyɔkuo abɛyɛ ade titiri pa ara wɔ ɔman biara Amanyɔsɛm mu, ama nnɛ mmerɛ mu amanyɔkuo tu mpɔn na ɛterɛ wɔ wiase afanaa nyinaa wɔ mfeɛ kakra a atwam yi. Ɛntaa nsi sɛ Amanyɔkuo biara nni ɔman bi mu. Aman binom wɔ Amanyɔkuo baako pɛ saa na ɛbinom nso wɔ pii. Amanyɔkuo ho hia wɔ Amanyɔsɛm a ɛyɛ kaa nka bi ne kabi ma menka bi mu, Nanso kabi ma menka bi Amanyɔsɛm taa wɔ Amanyɔkuo pii sene kaa nka bi Amanyɔsɛm no. Kaa nka bi Amanyɔsɛm taa wɔ Amanyɔkuo baako a ɛbu ɔman no ɛna Amanyɔsɛm ho akukudam ka sɛ akansie a ɔkɔ so wɔ Amanyɔkuo ntam no ho hia pa ara wɔ kabi ma menka bi amammuo mu..

Amanyɔkuo bɛtumi ahyɛaseɛ afiri ɛkuo a ɛwɔ ɔman mu Dada te sɛ adefoɔ ne ahiafoɔ na wɔde nkakrankakra de resi amanyɔkuo gyinaeɛ na wɔrehyɛ wɔn ho nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ mu. Amanyɔkuo biara wɔ panin a nasɛdeɛ ne sɛ ɔbɛyɛɛ Amanyɔkuo no dwumadie nyinaa so. Amanyɔkuo mpaninfoɔ a wɔyi ɔkandifoɔ a ɔyɛ Amanyɔkuo no nhyehyɛeɛ ne dwumadie nyinaa no. Ɛma amanyɔkuo mma no bi tu wɔhokyɛ boa amanyɔkuo no wɔ sika ne abatoɔ fa mu. Akwan beberee wɔ hɔ a Amanyɔkuo bɛtumi afa so de akasa akyerɛ nnipa a wɔto aba. Mmoa a temanmufoɔ de ma amanyɔkuo no nyinaa yɛ deɛ mmra da ho ɛna amanyɔkuo taa bu ɔman sɛdeɛ ɛbɛboa ɔmanfoɔ no a wɔde wɔn mmerɛ ne sika boa wɔn no.

Amanyɔkuo pii no ara nya akyitaafoɔ ɛfiri wɔn botaeɛ ne anisoadehunu ho. Yɛtaa hunu sɛ kabi ma menka bi abatoɔ no taa yɛ akansie wɔ 'liberal, conservative, ne socialist Amanyɔkuo ntam' ; boataeɛ afoforɔ nso Amanyɔkuo ne 'communism, populism, nationalism, and Islamism'. Amanyɔkuo a ɛwɔ aman foforɔ so taa fa ahyɛnsodeɛ a ɛsɛ a wɔde bɛhunu wɔn wɔ wɔn botaeɛ ho. Nanso, Amanyɔkuo pii no ara nni botaeɛ biara enti wɔ taa yɛ sɛ wɔde sika anaa nnoɔma ma amanfoɔ na wɔahwɛ so ato aba ama wɔn.

Tags:

Amanyɔkuo

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

KyiliNashville2000 Australian Open – Men's SinglesTogoNii Okaidja AdamafioAzerbaijanUnited Love PartyBombax buonopozenseƆgyefuoSanaaSolomon Tettey TerkperAbanomaMonaatoɔFinlandAgyentinaYokohamaCoord-doc-source🡆 More