Ỳesu Asafo Ankasaankasa

Ỳesu Asafo ankasaankasa(Sɛnea yɛbɔ edin Yesu Asafo Ankasaankasa (help·info)) (True Jesus Church) no έyέ Asafo a ateneho awכteeno wנּ Beijing, China Man Ma wנ afe 1917.

    Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ɛnnɛ, wɔwɔ asafo mma bεyε ɔpepem mienu-nefa (opepem 2.5) εwɔ aman aduanannnum so, wɔ wiase afanaa nyinaa. Asafo no yε Pentecoste Akristofoo nkuroabata a ɛmaa ne hoso wɔ mfie ɔha a εtoso aduonu no mu ahyεase hɔ baabi. Efiti 1985, na wodua Asafo no ho dawara akyerɛ amansan nyinaa ansa na Yesu mmae a εtɔso mprenu no. Asafo no Gyidie atitiriw du ne:

  1. Honhom kronkron
  2. Asubo
  3. Ɛnan ase hohoro
  4. Adidi kronkron (Ɛwurade adidie)
  5. Homeda
  6. Yesu Kristo: Yesu kristo, asɛm a ebɛyɛɛ honam, wuu wɔ mmeamudua no so ɛnam abɔnefoɔ nkwagyeɛ nti, nyanee wɔ ne nnasa soɔ, na ɔtu kɔɔ soro. Ɔno nko ara ne nnipa agyenkwa, nea ɔbɔɔ soro ne fam, ne Nyankopɔn turodoo no. Nwoma kronkron no, a ekura apam dada ne foforoɔ mu nsɛm no, wɔhwɛɛ Yesu so na ɛyɔɔeɛ, ɛno nko ara ne nokware nwoma no, ne nea akristofoɔ hwɛ so de bɔ wɔn bra.
  7. Twerε Kronkron: Nwoma kronkron (Bible), kura apam foforoɔ ne dada mu nsɛm, wɔhwɛɛ Yesu abrabɔ so na ɛyɔɔeɛ, ɛno ne nokware nwoma nko ara, a Akristofoɔ hwɛ so de bɔ wɔn bra.
  8. Nkwagyeε: Nyankopɔn adom na ɛde nkwagyeɛ firi gyidie mu brɛ yɛn. Ɛwɔ sɛ agyidifoɔ de wɔn ho to sunsum kronkron no so ama wɔn etumi ayɛ kronkron, ahyɛ Awirade animuonyam, na ama yɛdɔ nnipa.
  9. Asafo mo
  10. Atenmuo a εtwatoo

Abakwasɛm

TJC no pɛɛ sɛ ankorankorɛ a ɛne akristofoɔ kuo bi bom pui wɔ saa bere no sɛ Little Flock, Yesu abusuafoɔ ne kristofoɔ hyiadan mu. Wɔtee asɔre no wɔ afe apem ahankron ne du nson(1917), wɔ Hebei ne Shandong a ɛnyaa nsunsuansoɔ wɔ Apostolic Faith mission wɔ China dwuma a wɔdie so, ne Seventh-day Adventist ne Pentecostal Assemblies a ɛwɔ ewiase. Ne gyedie titire wɔ ayaresa mu, honhom kronkron asubɔ, nan ase hohoro ne homeda die.

Paul Wei na ɔtee TJC wɔ afe apem ahankron ne du nson (1917) mu. Ɛnkane ekuoba a ɔwɔ Beijing missionary a wɔfrɛ no Samuel Evans Meech(afe apem ahawɔtwe ne aduanan num (1845) - kosi afe apem ahankron aduasa nson (1937), bɛyɛ pentecosnii ɛnam nnaadaa ɔnya firii Norwegian missionary a ɛwɔ China, Bernt Berntsen nti. Afe apem ahankron ne du nson nom mu no ɔfirii Berntsen kuo ɛna honhom kronkron no de no kɔsii Yesu asafo ankasaankasa.

Ɔwui wɔ ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so du (10) wɔ afe apem ahankron ne du nkron (1919) berɛ a na ɔyare nsaman wa yareɛ. Ne nkɔmhyɛ dwuma no ansi asafo kwan sɛ ɛntu mpɔn. Wɔ a na wɔdi kan yɛ TJC mpaninfoɔ ne Zhang Lingsheng( afe apem ahawɔtwe ne aduaosia mmiensa (1863)-?), a otumi sesaa Wei adwene sɛ wɔnsom homeda, ne Barnabas Zhang( afe apem ahawɔtwe ne aduowɔtwe mmienu (1882) - afe apem ahankron aduosia baako (1961), a ɔfirii kuo nom wɔ afe apem ahankron ne aduonu nkron a ɔkɔtee akorafoɔ kuo wɔ Hongoong.

Wɔ mainland China no, Wei babarima, Wei Wenxiang (魏文祥, Isaac Wei, 魏以撒, ca. afe apem ahankron ne hwee hwee (1900) -?), na wɔyii no sɛ ɔnni TJC anim. Ɔno na ɔyɛ panyin a ɔrepɛ TJC mu ma no kɔɔ aman pii so a ɔsane yii mpaninfoɔ a wɔbɛhwɛ so.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.

Tags:

About this soundBeijingChinaFile:Tw-Yesu Asafo Ankasaankasa.oggTw-Yesu Asafo Ankasaankasa.ogg

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

PortugalAlbukɛɛkiWiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )CincinnatiNeymar na ɔkyerɛweeFrancisca Ashietey OduntonVladivostokKristosomKwadwo Nyanpon AboagyeMmoa DinAkwasi Opong-FosuMilanoKɔrekaSlovakiaAlhassan Tampuli SulemanaKobina SekyiKobla Mensah Wisdom WoyomeJoseph Cudjoe (politician)Kingsley NyarkoBatakariIranKwakuAmanyɔniTayannaPiacenzaMercy AsieduSpainIstanbulGyakataMike Allen HammahGreat Wall of ChinaKristoniNovosibirskVeronaAbɔdeɛ Mu Nnoɔma A Atwa Yɛn Ho Ahyia (Natural Environment)Abeiku Nana AcquahKolkataMünchenAhomatrofoɔKharkivAduaneƆsanaaMmaranketewaGrenoblePeter Lanchene ToobuMaureen Abla AmematekporGengarPaa Kwesi NduomTiranaRussiaAlgorithmJoe ReindorfNkrabeah Effah DarteyAlbaniaHamilton (Ontario)John KufuorBordeauxCobina KessieTallinnSeattleEmmanuel Nii Tettey OkuSamuel Atta AkyeaEmilija KokićƐlɛktrisitiMisrimKairo🡆 More