Ɔkuani

Okuani yɛ obi a ɔde ne ho hyɛ asaase dwuma, ɔyɛ mfudeɛ ne nnɔbaeɛ.

Wɔde saa din na ma nnipa a wɔdua nnɔbaeɛ,yɛn nkokɔ,orchards,vineyards ne mmoa afoforɔ. Asaase bɛtumi ayɛ Okuani deɛ anaasɛ ɔbɛtumi ayɛ adwuma ama asaase bi wura. Wɔ aman bi a mpuntuo wɔ mu no, okuani yɛ obi a asaase yɛ ne dea, ɛna wɔn a wɔfa wɔn adwuma mu no yɛ adwumayɛfoɔ. Saa ara nso na,wɔ nkyerɛkyerɛmu mu no, okuani yɛ obi a ɔma mfudeɛ asaase so aduane nyini anaa ɔyɛn mmoa bi te sɛ nsuomnam. Akuafoɔ bɛyɛ ɔpepem fa na ɛnyɛ adwuma kɛseɛ,a pii no ara wɔ aman a atu mpɔn a wɔboa nnipa ɔpepem wɔ sikafam. Ewiase nyinaa mmaa bɛboro ɔhamu nkyekyɛmu aduanan na yafa wɔn ma wɔyɛ adwuma wɔ afuom.

Abakɔsɛm

Kuadwuma firi tete sɛdeɛ Neolithic a ɛwɔ esu wɔ saa berɛ no teɛ no. Wɔ Bronze Afe pɛn so no na Sumerianfoɔ wɔ obi a ɔnim asaase dwuma yɛ wɔ mpem num de kɔpem nan na wɔde wɔn ho to nsuo a wɔde gu nnɔbaeɛ no so. Sɛ wɔretwa nnɔbaeɛ wɔ ɛpɛ berɛ mu a nnipa mmiɛnsa ka wɔn ho bom yɛ ekuo baako. Tete akuafoɔ a ɛwɔ Egypt yɛɛ kua de wɔn ho too so na wɔnya wɔn nsuo firi Nile.

Kwan a wɔfa so yɛn mmoa ne titire kuayɔ, wɔ hɔ bɛyɛ sɛ mfeɛ mpem nie. Wɔyɛn kraman wɔ East Asia bɛyɛ mfeɛ mpem du num nie. Wɔyɛn mpɔnkye ne nnwan wɔ 8000 BCE wɔ Asia. Prako nso wɔ 7000 BCE wɔ Middle East ne China. Afurumu nso bɛn 4000 BCE.

Kuadwuma kuo Kuafoɔ yɛ wɔn a wɔfiri nkurase, mantam anaa wiase nyinaa akuafoɔ kuo anaa wɔn a wɔyɛ nsaase dwuma kuo na wɔbɛtumi de amanyɔsɛm awura mu ahoɔden so. Grange anamɔntuo a ɛwɔ United States dii dwuma bi a ɔmaa akuafoɔ nhyehyɛeɛ baa mu, ne titire nea ɛtoa keteke kwan ne wɔn a wɔn ani gye kuadwuma ho wɔ mfeɛ ahanu no mu. FNSEA a ɛwɔ France de wɔn ho gye amanyɔsɛm mu paa, ne titire sɛ ɛfa nnuane ho a. Wɔn a wɔde nnuane ba, ketewa ne akɛseɛ nyinaa no, International Federation of Agricultural Producers da wɔn adi wɔ wiase afanaa nyinaa, a ɛgyina hɔ ma akuafoɔ bɛboro ɔpepem ahansia wɔ akuafoɔ kuo bɛyɛ aha aduonu wɔ aman aduoson nkron mu.

Mfasoɔ a wɔnya

Wɔbɛtumi atɔn nnuane no bi ama dwam, akuafoɔ dwam, anaa afiri afuom hɔ. Wɔ amammuo bia wɔn sikasɛm wɔ soro no, akuafoɔ no abusuafoɔ no ankasa tumi di wɔn ara nnɔbaeɛ no anaasɛ mpɔtam no.

Akwanhyia a ɛwɔ kuadwuma mu

Yɛwɔ akwanhyia pii wɔ asase dwuma mu; kuadwuma yɛ dwumakuo bi a ɛyɛ hu paa. Mmoa bi te sɛ nyanyankyerɛ, kakapɛ, nwowa, wasps ne hornet tumi ka akuafoɔ. Akuafoɔ sane de afidie a ɛbɛtumi apira anaa akum yɛ adwuma. Akuafoɔ bɛtumi anya honam yea afiri adwuma ntoatoasoɔ so.

N'abɔseɛ

Asɛmfua "okuani" gyina hɔ ma obi a ɔgye toɔ firi obi a ɔhan dan a ɔyɛ adwuma wɔ asaase bi so ma efiewura. Asɛmfua no sesa bɛyɛɛ obi a ɔyɛ adwuma wɔ asaase bi so. Edin a na wɔde ma kuani yɛ "churl ne husbandman(okuani)".

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

Tags:

Ɔkuani AbakɔsɛmƆkuani Mfasoɔ a wɔnyaƆkuani Akwanhyia a ɛwɔ kuadwuma muƆkuani NabɔseɛƆkuani Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛƆkuani

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

Yesu KristoVeliky NovgorodAdanaAdwene a obi nya wɔ ne hoCiudad de MéxicoPrincella AdubeaAyɛwohummumɔKɔkɔɔ kɔkɔɔ(Gɔbɛ)KairoWenchi (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)PiloloLisbonAlice WeidelYaa AsantewaaƆpɛpɔnFukuokaFlora NwapaStuttgartTipayɛKulungugu Tupaeɛ noBostonOwuoMmaraMaltaNigeriaVanTɔgbe Afɛdɛ XIVAtlantaKharkivMemenedaHawa YakubuUnited Gold Coast ConventionMain PageBudapεstAkanKokoramTeheranLaadi Ayii AyambaJulius CaesarSofiaYohaneThailandSwedenMalawiƐdwoadaKyekagoInterlingueKwabena KwabenaBariBordeauxBaltimoreKratafa TitiriwFrankfurt am MainOkuafoBar-le-DucHiroshimaMpenatweɛSanaaƐmo tuoRichard Dornu NarteyƆbosomeNsakraeɛHamilton (Ontario)🡆 More