Kwata

Nhwɛsoɔ:Infobox disease 'Kwata, a wͻsan frε no Hansen yare'HD, yε yare a emu yε den a mmoawa Mycobacterium leprae ne Mycobacterium lepromatosis de ba.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Mfiase no, yare yi nna ne ho adi na ebetumi ayε saa mfe anum kosi aduonu. Yare yi nsεnkyerεnne no bi ne ntini a εsoasoa wͻ akwaa ahorow a εne adwene yε adwuma a adwene no ne akyi dompe nka ho, beae a mframa fa wura nipaduam san fi mu, honam no ani, ne ani. Nea etumi fi mu ba ne εyaw a obi nte a εma ͻhwere akwaa ahorow esiane pira a εtoatoaso anaa ekuru a wonhu. Mmerεwyε ne ani a enhu ade yiye nso betumi aba.

Kwata trεw wͻ nipa mu. Wogye di sε eyi si denam εwaw anaa obi a ͻwͻ yare yi hwenem nsu a εka afoforo. Mpεn pii no, kwata taa yε wͻn a ehia wͻn na wogye di sε εtrεw denam obi hwenem nsu so. Nea εne nipa pii gyidi bͻ abira no, εnyε nea etumi trεw ntεmntεm. Yare ahorow abien no gyina mmoawa ahorow a εwͻ nipadua no mu: paucibacillary ne multibacillary. Nea εma nsonsonoe ba abien no ntam ne kͻla papa, honam ani mmeaemmeae bi a awu, a paucibacillary yε anum anaa nea ennu saa na multibacillary yε nea εboro anum. Wͻyε emu nhwehwεmu denam mmoawa a wotumi de acid de hu wͻn wͻ honam no mu nhwehwεmu a wͻyε anaa DNA no a wohu denam nhwehwεmu a εno ara toatoa so so.

Wotumi sa kwata denam ayaresa a wͻde nnuru ahorow di dwuma so (MDT). Wͻsa paucibacillary kwata denam aduru a wͻfrε no dapsonenerifampicin a wͻde di dwuma asram asia. Wͻsa multibacillary kwata denam rifampicin, dapsone, ne clofazimineasram dumien. Ayaresa ahorow yi kͻso a wontua hwee wͻ asoεe a εne Wiase Akwanhosan Ahyehyεde. Wotumi de nnuru a ekum mmoawa binom nso di dwuma. Wiase nyinaa wͻ afe 2012 mu no, nipa a wonyaa kwata a emu yε den dodow bεyε mpem ͻha aduowͻtwe akrͻn, na eyi aba fam fi mfe 1980 mu a na εyε ͻpepem ahanum ne mpem ahanu. Nipa afoforo a wonyaa bi yε mpem ahanu aduasa. Nipa afoforo a wonya no fi aman dunsia mu, a emu bεboro fa fi India. Wͻ mfe aduonu a atwam no, nipa a wonyaa bi ͻpepem dunsia wͻ wiase nyinaa na woasa wͻn yare. Afe biara no, bεyε nipa ahanu na wonya bi wͻ United States.

Kwata ahaw adesamma mfe mpempem pii ni. Yare no nyaa ne din fii Latin kasamu asεmfua lepra, a εkyerε 'honam a ewu', bere a "Hansen yare" no fi oduruyεfo Gerhard Armauer Hansen. Nipa a wͻanya bi a wͻde wͻn to wͻn ho da so kͻ so wͻ mmeae te sε IndiaChina ne Afrika. Nanso, wͻagyae nhyehyεe yi esiane sε wͻahu sε kwata nyε nea εtrεw ntεmntεm. Akwatafo a wobu wͻn animtiaa yε nea abata kwata ho wͻ abakͻsεm mu, na eyi kͻ so ara ma εyε den sε obi a wanya bi bεka ho asεm na wanya ayaresa ntεm. Ebinom te nka sε asεmfua kwatani/kwatafo mfata, na wͻbεpε kasasin "nipa a kwata ahaw wͻn" mmom. Wiase Da a wͻde kae Kwata yε nea wͻhyεε ase afe 1954 mu de atwe adwene aba wͻn a kwata ahaw wͻn no so.

Nsεm afoforo

Nkyekyem:Gao lazamankwala

Tags:

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

James BrownNamibiaGrace Banwaa BuoaduAdwumayɛfo kuw (Trade union)AndorraAhokekaFinlandQuébecNesogordonia papaveriferaPalmyraLady GaGaHistory of PondicherryRostov-na-DonuBelgradeNana Ama McBrownEdwin Nii Lantey VanderpuyePost-grungePandemic🡆 More