Ebola Yare

Nhwɛsoɔ:Infobox disease Ebola yare-(EVD) anaa Ebola Atiridii (EHF) a εma mogya fi obi mu yε yare bi a Ebola mmoawa na εde ba.

    Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ɛho nsεnkyerεne fi ase nnanu kosi adapεn abiesa bere a obi anya mmoawa no akyi, nea εka ho ne atiridii, mene ase kuru, honam yaw, ne tipae. Mpεn pii, pԑ a obi pε sε ͻfe, εfe, ne ayamtu. Nea ԑka ho ne adwumayε a εba fam wͻ berεbͻ ne asaabo. Saa bere yi ebinom fi ase nya mogyatu ho haw.

Obi betumi anya mmoawa no bere a ne ho aka mogya anaa nipadua ho nsu, aboa a wanya bi anaa ampan a odi nnuaba). Wonya nnyεε mframa mu a wͻfa so nya ho kyerεwtohͻ biara wͻ baabi a wͻte no. Wogye di sε mpan a wodi nnuaba na wͻma yare yi a ebi nnka wͻn. Bere a onipa anya yare yi no, yare no betumi aka afoforo nso. Mmarima a wͻanya yare yi bi betumi de ama afoforo denam wͻn awode mu nsu bεyε asram abien. Ansa na wͻbεhwε sε εyε yare yi no, mpεn pii wͻyε yare afoforo a εwͻ nsεnkyerεnne koro no ara te se atiridiinini, ayamtu ne afoforo a εma mogya tu obi ho nhwehwεmu ansa. Nea ԑbԑma wͻahu sԑ ԑyԑ yare yi no wͻsͻ mogya hwε de hwε mmoawa a wͻbͻ nipadua ho ban, RNA mmoawa, anaa yare no ho mmoawa ankasa.

Nea εka εho bammͻ ho ne sε yεbεhwε yεn ho yiye wͻ adoee ne mpraku ho. Wobetumi ayε eyi denam mmoa yi a wͻbεhwε sε wͻanya mmoawa yi bi a, na wͻakum wͻn ato wͻn akyene wͻ ͻkwan pa so. Nnam a wͻbεnoa no yiye ne ntade a wͻbεhyε bere a wͻrekura nnam nso betumi aboa, ne ntade pa a wͻhyε ne nsa a wͻhohoro bere a wͻbεn obi a ͻwͻ yare no bi no. Nnipa a wͻanya mmoawa no bi ho nsu ne wͻn nipadua ho biribi yε nea εsε sε wͻhwε yiye wͻ ho.

Yare no nni ͻkwan pͻtee a wͻfa so sa no; ͻkwan a wobetumi aboa nnipa a wͻanya bi no bi ne sε wͻbεma wͻn nsu a wͻde ma ayarefo (nsu a asikyire ne nkyene wom) anaa nsu biara a wͻde ma fa ntini mu. Yare no wͻ tumi a εde kum nnipa: Mpεn pii no, ekum nnipa a wͻanya mmoawa no ͻha mu nkyekyem aduonum kosi aduokrͻn. Wodi kan huu EVD yare yi wͻ Sudan ne Democratic Republic of the Congo. Mpεn pii no, yare yi taa ba prεko pε wͻ Africa mantam anhwea pradadaa no anafo fam. Efi afe 1976 (bere a wodi kan huu yare no) kosi afe 2013 no, yare no anya nnipa a wonnu apem afe biara. Yare no mmae a εsen biara ne nea aba nnansa yi Afe 2014 Abibirim Atͻe Ebola mmae, a aka Guinea, Sierra Leone, Liberia ne Nigeria. Ɛde bedu ͻsram August, afe 2014 no, nnipa apem ahansia na wͻanya bi. Wͻrebͻ mmͻden sε wͻbεyε aduru a εbεbͻ nnipa ho ban; nanso wͻnyεε bi ε.

Nsεm afoforo

Nea εde kͻ mmeae afoforo

Nkyekyem:Gao lazamankwala

Tags:

Atiridii

🔥 Trending searches on Wiki Twi:

ƆpɛpɔnRomaNnipaThe GambiaHamilton (Ontario)Kumase Wiemuhyɛn gyinabeaGermanySimons AddaiNyinsɛnyiguoPiacenzaAustraliaNua baaUfaNima DwamIgnatius Kutu AcheampongAsubɔnten Gambia Ɔman Mmoa YɛmmeaMohammed SalisuHong KongSecuritas ABBimbilla (Ghana mmrahyɛbadwam mpɛsoa)AmerikaGhana AkannifoƆgyefuoAminiaAngolaLisbonLyonGrace BakariSyracuse, SicilyAbakɔsɛmEffiduase-Asokore (Ghana parliament constituency)NyarewaGodfred Seidu JasawCanadaWasila Diwura-SoaleBeyoncéKwesi BotchweyAsaanaCardiffEhyiaTeheranProvidence, Rhode IslandNaurumontréalKeteke gyinabeaNnomaaWiase Nyinaa Wɛbsaet ( World Wide Web; WWW )TimfuuGyanaga MagyilpuItalyNsu mu nwaw atiridiiBangladeshCrib A'GlowCubaHatraƐhyɛnBlack SherifIndonesiaAdwumayɛfo kuw (Trade union)🡆 More